Ɔdɔ a Wɔda No Adi—Asiane Bere Mu Mmoa a Egye Bere ne Mmɔdenbɔ
RICHARD VARA, atesɛm krataa Houston Chronicle samufo a ne ho akokwaw no nyɛ obi a ɔtaa kyerɛ nneɛma ho anigye, nanso afe a etwaam no de biribi kaa ne koma. Ɔkae sɛ: “Minhuu ne sɛso pɛn! Me ho adwiriw me.” Saa ara na Lee P. Brown, Houston, Texas, U.S.A. kurow sohwɛfo no tee nka. Ɔkae sɛ: “Mepɛ sɛ anka obiara a ɔwɔ Houston bɛhwɛ nea moayɛ yi. Me ho adwiriw me papaapa.” Dɛn na na wɔreka ho asɛm yi? Ná samufo no ne kurow sohwɛfo no reka asiane bere mu mmoa a Yehowa Adansefo a wɔwɔ Houston de ama ho asɛm. Dɛn na wɔyɛɛ wɔ saa adwuma yi mu? Dɛn nti na na ɛho hia? Na dɛn na ɛmaa nkurɔfo ani gyee ho saa? Nea ɛbɛyɛ a yebehu no, ma yɛmfa mfi ne mfiase.
Nsuyiri a Ɛkyɛn Biara
Wɔ June 2001 mfiase no, ahum kɛse bi a wɔfrɛ no Allison tu faa Texas anafo fam apuei asase a ɛda fam no so. Awiei koraa no, wɔ Fida, June 8, nnɔnhwerew 24 mu no, Allison maa osubran bi tɔe mpofirim wɔ Houston—kurowpɔn akɛse a ɛwɔ ɔman no mu nea ɛto so anan mu, a na ne sorokɔ yɛ mita 1.a Bere tiaa mu no, nsu no yiri kɔɔ aguadidan ahorow, adwumayɛdan horow ne afie mpempem pii mu. Kar akwan a ɛwɔ kurow no mu nyinaa dan nsubɔnten, na ebu faa kar nketewa ne akɛse a akeka akwan mu no so. Nsu a na ayiri kɔ soro no maa ɛyɛɛ den sɛ kar akɛse a wɔde dum gya ne nea wɔde gye nnipa nkwa wɔ asiane mu no betumi afa akwan no bi a na nsu ayiri kɛse wɔ so no so. Helikopta ne asraafo kar akɛse paa no na afei de na wɔde reyi nkurɔfo.
Awiei koraa no, bere a wim tetewee wɔ Dwoda, June 11 no, ɛbɛdaa adi sɛ Allison akunkum nnipa na asɛe agyapade pii. Nnipa aduonu abien na wowuwui a Yehowa Adansefo baanu ka ho: Jeffrey Green, Kristoni panyin bi ne ne yere nuabea Frieda Willis.b Afei nso, afie 70,000 na ɛsɛee, ɛmaa saa nsuyiri yi bɛyɛɛ atoyerɛnkyɛm a ɛsen nea asi biara pɛn wɔ kuropɔn a ɛso saa mu. Nokwarem no, esiane sɛ agyapade a ne bo reyɛ adu dɔla ɔpepepem 5 na ɛsɛe nti, Allison bɛyɛɛ osuframa a asɛe ade kɛse sen biara wɔ U.S. abakɔsɛm mu.
Atuhoamafo a Wɔdɔɔso
Nkurɔfo ho dwiriw wɔn. Asiane bere mu aboafo no biako kae sɛ: “Wɔn mpa fɔwee. Wɔn kapɛt fɔwee. Nsu praa wɔn mmofraberem mfonini nyinaa kɔe.” Yehowa Adansefo bɛboro 16,000 a wɔwɔ Houston mpɔtam hɔ no mu pii ho kãe. Ahenni Asa awotwe ne Adansefo afie ɔhaha pii sɛee. Nsu taataa afie yi bi mu; adan afoforo mu nsu nso yiri kɔkaa suhyɛ so. Sɛ yɛka ne nyinaa bom a, Yehowa Adansefo asafo horow bɛboro 80 na wɔn ho kãe. Nanso, wɔannyaw wɔn a asɛm too wɔn yi saa ara a wɔanhwɛ wɔn. Wɔ nna kakraa bi mu no, biribi a eyiri sram so yii ne ho adi—ná eyi yɛ atuhoamafo—a wobegyee wɔn. Ɔkwan bɛn so na eyi fa bae?
Ansa na nsu no refi ase atwe mpo no, ná Kristofo mpanyimfo a wɔwɔ Yehowa Adansefo asafo horow a ɛwɔ Houston mu no akekã wɔn ho dedaw. Ɔpanyin biako kae sɛ: “yɛfrɛɛ yɛn nuanom mmarima ne mmea wɔ telefon so, na yɛsrasraa wɔn. Afei yɛhwɛɛ nneɛma dodow a na asɛe no, na eduu Dwoda, June 11 no, na yɛawie nnipa dodow a wɔn ho kãe wɔ asiane yi mu, afie dodow a asɛe, ne sɛnea nneɛma asi asɛe afa no ho kyerɛwtohɔ. Yɛde eyi kɔmaa Yehowa Adansefo adwumayɛbea ti wɔ Brooklyn, New York.” Nna kakraa bi akyi no, Yehowa Adansefo baa dwumadibea a ɛwɔ U.S. no tew boayikuw a wɔbɛhwɛ ma wɔde mmoa ama a Kristofo mpanyimfo baawɔtwe a wofi Houston wom, na wɔmaa wɔn sika ne nneɛma. Ná boayikuw no dwumadi ne dɛn? Sɛ́ wɔbɛboa ma wɔn a wɔn ho kãe no asan anya nkate fam ahoɔden, na wɔasan asiesie Adansefo no afie a asɛe no ama wɔn—afie bɛboro 700!
‘Yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ adwuma kɛse yi?’ saa na Houston Yehowa Adansefo Mmoa Boayikuw ma 2001 a na wɔatew no foforo no mufo kae. Wɔde nnɔnhwerew pii traa ase anadwo dasu mu susuwii ɔkwan a edi kan koraa a wɔbɛfa so no ho, na wɔtoo nsa frɛɛ Adansefo asafo bɛboro 160 a ɛwɔ Houston mpɔtam hɔ no sɛ wɔmmɛboa. Boayikuw no guamtrani no kae sɛ: “Sɛnea wogyee nsato no so no yɛ nwonwa. Adansefo bɛboro 11,000 na wɔde wɔn ho mae, de wɔn bere, wɔn ahoɔden, ne wɔn nimdeɛ bɛboae a wɔannye hwee.”
Apopobibiri Ne Atuhoamafo
Wɔ nsuyiri no akyi nna kakraa bi no, atuhoamafo kɔyɛɛ adwuma wɔ wɔn a wɔn ho kãe no afie mu, woyiyii kapɛt a afɔw, siesiee adan no mu fam a atutu, afasu a abubu, nnaka nketewa a nsu taataa mu, apon a abenbam ne biribiara a na nsuyiri no nsufi asɛe no. Atuhoamafo no mu biako kae sɛ: “Ɛnyɛ yɛn nuanom afie a na yebesiesie mu no nko ho asɛm na na ehia yɛn, na mmom sɛ yɛbɛbɔ wɔn akwahosan ho ban nso.” Na ɛsɛ sɛ yedi kan de nnuru a ekunkum mmoawammoawa gugu afie yi mu nyinaa, esiane sɛ na ɛrenkyɛ na apopobibiri a ɛyɛ awuduru afi ase aba afasu ne nnaka a ɛwɔ adan no mu ho nti.
Nea ɛbɛyɛ a wobetumi asua sɛnea wɔyɛ adwuma no yiye a ɛmfa asiane biara mma nti, Adansefo pii hwehwɛɛ ntetee fii Aban Asoɛe a Edi Tebea a Egye Ntɛmpɛ Ho Dwuma (FEMA), aban asoɛe a wɔahyɛ da atete wɔn ma asiane horow mu dwumadifo nkyɛn. Ɛno akyi no, Ɔdansefo biara a wɔma no FEMA ntetee no nso de atuhoamafo du ka ne ho ne wɔn kɔ afie a asɛesɛe no mu kɔkyerɛ wɔn ɔkwan pa a wɔfa so de nnuru a ekunkum mmoawammoawa yi gugu afie mu. Da a edi hɔ no saa atuhoamafo a wɔatete wɔn foforo yi mu biara nso faa atuhoamafo afoforo du kaa ne ho. Atuhoamafo no mu biako kae sɛ: “Wɔ nna kakraa bi ntam no, nnipa a wohuu adwuma yi yɛ no bɛyɛɛ ɔhaha pii.” Atuhoamafo a na wɔredɔɔso no bunkam apopobibiri a na ɛreba nneɛma dodow no ara ho no so! Ná wɔn a wɔapɔn adwuma aba fie ne mmofra a wɔadu wɔn mpanyin afe so bɛyɛ adwuma yi bi awia. Sɛ edu anadwo a, afoforo nso beso adwuma no mu na wɔtoa so. Wɔ adapɛn asia mu no na yɛasiesie Adansefo no afie a na emu ayɛ basaa no mu ma emu atew a asiane nni hɔ.
Asoɛe Kɛse Biako ne Nketewa Ason
Ɛde bedu saa bere yi no, na boayikuw a wɔhwɛ asiane bere mu mmoa a wɔde ma so no atɔ ntaboo ne adansi ho nneɛma tɔn pii. Nanso ɛhefa na ná yɛbɛkora nneɛma yi? Boayikuw no kasamafo no kae sɛ: “Bere a adwuma bi wura behuu yɛn ahiade no, ɔde n’adekoradan kɛse bi—a emu kɛse yɛ mita ahinanan 5,000—maa yɛn sɛ yɛmfa yɛn nneɛma ngu mu kwa!” Wɔ adansi ho nneɛma a yɛde guu ɔdan yi mu akyi no, yɛsan nyaa baabi wɔ ɔdan yi mu de yɛɛ adwumayɛdan. Bere tiaa bi akyi no, ɛbɛyɛɛ adwumayɛbea ti maa mmoa adwuma no, a na atuhoamafo 200 kosi 300 yɛ adwuma awia, anadwo ne dapɛn awiei wɔ hɔ.
Esiane sɛ na afie a asɛe no trɛw kɔ akyiri nti, wɔde Ahenni Asa ason yɛɛ adwumayɛbea nketewa anaa mmeae a wɔde mmoa ma wɔ amantam ahorow mu. Sɛ edu adapɛn awiei a, atuhoamafo yɛ adwumayɛbea nketewa yi mu biara mu ma. (Hwɛ adaka “Dwumadibea Titiriw.” no mu) Ná wɔn mu pii abom ayɛ adwuma pɛn wɔ Ahenni Asa adansi adwuma ho wɔ ɔmantam no mu. Nokwasɛm ne sɛ, atuhoamafo a na wɔwɔ adansi ho nimdeɛ a wofi Ɔmantam Adansi Boayikuw ahorow 11 mu a ɛwɔ Arkansas, Louisiana, Oklahoma, ne Texas mu bɛboae.c Wɔ adwumayɛbea nketewa yi biara mu no, dua adwumfo, wɔn a wɔka dan ho aduru, dorobɛn adwumfo, ne adwumayɛfo afoforo a wɔwɔ nimdeɛ dii adwuma no yɛ anim na wɔtetee afoforo nso.—Hwɛ adaka “Ntetee a Wɔde Ma Ho Nhyehyɛe” mu.
Adansi Nhyehyɛe ne Ɛho Nsɛm a Wɔde Kɔ Kɔmputa So
Atuhoamafo no dii adansi ho nhyehyɛe a wɔahyehyɛ no nnidiso ason akyi. Wɔkyekyɛɛ adansi nneɛma no mu akuw anan de kɔɔ afie mu, na wɔyɛɛ nhyehyɛe a ɛbɛma wɔasiesie ofie biako biara awie wɔ adapɛn abiɛsa mu. Wɔ saa kwan yi so no, na yebetumi awie mmoa adwuma no nyinaa wɔ bɛyɛ asram asia mu.
Nea ɛbɛyɛ na nhyehyɛe no ayɛ adwuma yiye no, boayikuw no hyehyɛɛ nnwumayɛbea 22 a afã a wɔhwɛ adwuma no so, wɔtotɔ adwuma no ho nneɛma, wɔhwɛ dabere so, ne wɔn a wɔhwɛ kar ahorow a wɔde reyɛ adwuma no so ka ho. Nea na ɛboa nnwumayɛbea yi nyinaa ne akwankyerɛ a emu dɔ a atuhoamafo no ara asiesie wɔ kɔmputa so a wɔde dii dwuma no. Ansa na wobefi nsiesie adwuma no ase no, atuhoamafo no de nnafua du de ho nsɛm guu kɔmputa so. Nsɛm ho amanneɛbɔ bi kae sɛ “Ná ɛyɛ adwuma kɛse sɛ wɔde nsɛm yi begu kɔmputa so.” Nanso, wɔ nnafua du no akyi no, wonyaa nsɛm a ɛso wɔ mfaso ankasa. Sɛ wumia kɔmputa no mouse no so pɛ a, Kɔmputa no kyerɛ wo bere a wo nsa bɛka atuhoamafo 11,000 no, nimdeɛ a wɔwɔ, ne ɔkwan a wobɛfa so ahu wɔn. Sɛ wumia so bio a, ɛbɛkyerɛ wo nsiesie ko a ahia, adansi ho akwammisa nkrataa a ehia, ne nsɛm afoforo a ɛfa adan a asɛe no ho. Wɔbɛfrɛɛ saa nhyehyɛe a wɔde agu kɔmputa so yi sɛ “nea mmoa adwuma no gyina so.”
Wɔn Ahodwiriw ne Anisɔ
Ná atuhoamafo a wɔwɔ adansi ho nimdeɛ kɔhwɛ afie a ɛho awo na apopobibiri nni ho no na wɔkyerɛ nneɛma a ebehia ma ne siesie. Wɔn kasamafo no kae sɛ: “Atuhoamafo yi bɛkyerɛ nneɛma a wobehia nyinaa a nnadewa dodow a ɛbɛso mpo ka ho. Na yɛmpɛ sɛ yɛbɛsɛe sika anaa nneɛma biara a nkurɔfo de bɛboae no.” Bere koro no ara mu no, atuhoamafo afoforo kogye adansi ho akwammisa nkrataa fi aban mpanyimfo hɔ.
Nea edi hɔ no, wɔtoo nsa frɛɛ mmusua a na wɔn ho aka no ma wɔkɔɔ adekoradan no mu kɔhwehwɛɛ kapɛt, nnaka nketewa, ne rɔba a wɔde sɛw fam kakraa a ɛwɔ hɔ no mu yii nea wɔpɛ, ne nneɛma afoforo de hyɛɛ nea na wɔahwere no ananmu. Bere a wɔn a wɔn ho kae wɔ nsuyiri no mu huu nneɛma a wɔde brɛɛ wɔn no, wɔn ho dwiriw wɔn na mpɛn pii no wosui. Atuhoamafo no san kyerɛkyerɛɛ insurance dwumadi ne aban nhyehyɛe horow mu nso kyerɛɛ wɔn a wɔn ho kãe wɔ nsuyiri no mu no. Afei, wɔhyɛɛ da a wɔde besiesie afie no, na atuhoamafo a wɔde kar twe adansi ho nneɛma hwɛe sɛ wɔn a wɔresiesie adan a asɛe no nsa bɛka nea wohia no da no ara. Obi a ɔnyɛ Ɔdansefo a na atuhoamafo resiesie ne dan ka kyerɛɛ ne yere a ɔyɛ Ɔdansefo no sɛ: “Wo nuanom no ho yɛ nwonwa. Sɛ kuw biako fi hɔ a, ntɛm ara na foforo abɛhyɛ ananmu. Wɔyɛ adwuma te sɛ ntɛtea!”
Wɔde adapɛn awiei bɛyɛ abiɛsa na esiesiee nneɛma a ɛho hia paa a asɛe wɔ ofie biara mu. Boayikuw no guamtrani no kae sɛ: “Nanso, ɛtɔ mmere bi a, egye adapɛn anum anaa awotwe.” Sɛ atuhoamafo yi bubu adan a akyɛ no afasu a, ɛyɛ a wɔtaa hu nneɛma a asɛe dedaw, enti wosiesie nneɛma a asɛe dedaw no ansa na wɔato afasu foforo. Atuhoamafo no mu biako a ɔyɛ odwumfo kae sɛ: “Ɛtɔ mmere bi a na mfɔte asɛe nnua a ɛwɔ afasu no ho no, enti yɛhwɛ sɛ yɛbɛhyew mfɔte no ase ansa. Yɛsan bobɔɔ nnua pii a yɛde wowaw nneɛma. Yesiesie afie no fɛfɛɛfɛ ansa na yɛafi hɔ.” Obi a ne ho kãe wɔ nsuyiri no mu no fi anisɔ mu kaa sɛnea ɔte nka te sɛ afiewuranom a na wɔasiesie wɔn afie ama wɔn no ara pɛ kyerɛɛ obi a na wabɛsra no sɛ: “Me fie no ayɛ fɛ sen sɛnea na ɛte a metɔe no!”
Nnuan a Wɔnoa no Hare So
Nea ɛbɛyɛ na wɔatumi ama atuhoamafo a wɔdɔɔso yi aduan no, Adansefo kuw bi dan adekoradan bi a na ɛwɔ Ahenni Asa bi akyi yɛɛ no beae a wɔnoa aduan na wɔkyekyɛ. Adansefo a wɔwɔ ɔman no mu nyinaa de frigye, afiri a wɔde hohoro nkankyee mu, sutof, ne gyaade nneɛma afoforo kɔmae. Memeneda ne Kwasida biara no, na aduannoafo 11 ne atuhoamafo afoforo 200 noa nnuan ɔpepem pii wɔ saa beae hɔ. Atuhoamafo no biako a na ɔhwɛ aduannoa so kae sɛ: “Mfe 19 ni a yɛanoa aduan ama adwumayɛfo a wosi Ahenni Asa, nanso saa adwuma yi so sen sɛnea yesusuwii no.”
Ná yɛhyehyɛ nnuan yi gu nkyɛnsee akɛse 120 mu. Wɔhyehyɛɛ nnuan yi guu kar 60 a esisi hɔ retwɛn mu ma ɛde kɔɔ adwumayɛbea ti ne nketewa no nyinaa mu. Ne nyinaa mu no, adwumayɛfo a wɔreyɛ adwuma wɔ ofie biara mu no soma wɔn mu biako ma ɔkɔ adwumayɛbea ketewa a ɛhwɛ wɔn so hɔ kɔfa kuw no nyinaa aduan brɛ wɔn. Atuhoamafo no di wɔn nnuan no wɔ afie hɔ na wɔyɛ ntɛm kɔ wɔn nnwuma so.
Yewie Yɛn Dwumadi No!
Awiei koraa no, wɔ April 2002 mu no, atuhoamafo 11,700 no de asiane bere mu mmoa a Yehowa Adansefo de ama no mu nea ɛware sen biara yi baa n’awiei. Atuhoamafo yi de nnɔnhwerew 1,000,000 na ɛyɛɛ adwuma yi de siesiee anaa san sii afie, na sɛ wɔka bom a wosisii Ahenni Asa 8 ne adan 723 a na abubu foforo. Wɔn a wɔn ho kae wɔ nsuyiri yi mu no biako gyinaa afoforo ananmu kasae, na ofi anigye a nusu ayɛ ne ma mu kae sɛ: “Meda Yehowa ne atuhoamafo no nyinaa ase wɔ mmoa a wɔde ama yɛn no ho. Ɛyɛ awerɛkyekye kɛse sɛ wobɛka onuayɛ a ɔdɔ wom yi ho!”
[Ase hɔ nsɛm]
a Nnipa dɔɔso wɔ nkuropɔn New York, Los Angeles, ne Chicago mu. Nnipa bɛyɛ 3,500,000 na wɔwɔ Houston kuropɔn mu na ɛso sen ɔman Lebanon a ɛwɔ Mediterranea Po ho no.
b Jeffrey ne Frieda nnamfo dodow a wɔkɔɔ ayi no ase no yɛ 1,300. Saa mmoa yi kyekyee Abigail—Jeffrey yere ne Frieda nuabea no werɛ paa.
c Ɔmantam Adansi Boayikuw no na Yehowa Adansefo nhyiambea horow si ho dwumadi hyɛ wɔn nsa.
[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 15]
DWUMADIBEA TITIRIW
Ɛyɛ Memeneda anɔpa nnɔnson wɔ Dwumadibea a Ɛto so 4 mu wɔ Houston kusuu fam apuei. Atuhoamafo a wɔrebɔ nkɔmmɔ, reserew, renom kɔfe ne paanoo abom wɔ Ahenni Asa no so. Ebinom de kar atwa kilomita ɔhaha pii fi wɔn kurow mu na abedu ha. Nanso bere a ɛbɔɔ anɔpa nnɔnson ne fã no, nkɔmmɔbɔ a ɛyɛ anigye no gyaee, na dwumadibea no sohwɛfo no ma yesusuw Kyerɛwnsɛm mu asɛm bi ho. Ɔsan de nkaebɔ ma sɛ yɛbɛyɛ Ɔwɛn-Aban Adesua Kwasida anɔpa nnɔnson ne fã ansa na atuhoamafo no akɔ mmeae horow a wɔyɛ adwuma, na ɔhyɛ yɛn nyinaa nkuran sɛ yɛmfa yɛn ho nhyɛ adesua no mu denam mmuae a yɛbɛma wɔ Engiresi anaa Spania kasa mu so. Ɔde nkyia a efi Yehowa Adansefo wiase nyinaa adwumayɛbea ti hɔ ma yɛn, na yɛn nyinaa de nsambɔ kyerɛɛ ho anigye.
Afei dwumadibea sohwɛfo no ka nkɔso a aba wɔ mmoa adwuma no mu besi saa bere yi ho asɛm kyerɛ yɛn na ofi koma mu da atuhoamafo no ase wɔ ɔpɛ honhom a wɔda no adi no ho. Obisa sɛ: “So obi wɔ ha a onnim nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ anaa baabi a ɛsɛ sɛ ɔkɔ nnɛ?” Obiara mma ne nsa so. “Nnuan dodow ahe na yehia?” Yɛn nyinaa ma yɛn nsa so, na yetu serew. Awiei koraa no, yɛbɔ mpae na atuhoamafo 250—mmarima, mmea, mmofra ne mpanyin—si kwan so a wɔasiesie wɔn ho ama adwuma den a wɔbɛyɛ no da mũ no nyinaa no.
Ade koro yi ara bi kɔ so wɔ dwumadibea asia afoforo no mu ne adekoradan no mu nso. Yɛrekasa yi nso, na atuhoamafo binom a wɔyɛ adwuma wɔ mukaase a wɔnoa adwumayɛfo no nyinaa aduan wɔ hɔ no ani abere renu wɔn kwansɛn mu—efisɛ, na atuhoamafo 2,000 a wɔwɔ Houston a ɔkɔm de wɔn nyinaa bɛba abedi aduanhyew awia no!
[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 16]
NTETEE A WƆDE MA HO NHYEHYƐE
Bere a wɔreyɛ mmoa a wɔde ma wɔ asiane bere mu adwuma no, atuhoamafo a wɔyɛ adwumfo no yɛɛ adesua ho nhyehyɛe de tetee mfɛfo a wɔnyɛ adwumfo de nnwuma pɔtee bi hyehyɛɛ wɔn nsa. Wɔtetee ebinom ma wɔde nnuru kunkum mmoawa wɔ afie mu. Afoforo suaa sɛnea wɔto afasu na wɔhyehyɛ ɔdammaa. Afoforo nso suaa sɛnea wɔkokwaw ɔdan ho ka ho aduru. Wotwaa Adesua a Wɔde Tete Adwumayɛfo no ho video, na wɔde video no tetee atuhoamafo afoforo wɔ nteteebea ahorow mu. Boayikuw a wɔhwɛ ma wɔde mmoa ma wɔ asiane bere mu no muni bi kae sɛ: “Ɛdenam saa adesua a wɔde tete adwumayɛfo yi so no, yetumi siesiee nneɛma a na asɛe no yiye.”
[Mfonini]
Adwumfo a wɔrekyerɛ nkurɔfo ade
[Adaka wɔ kratafa 18]
“ONYANKOPƆN DWUMADI ANKASA”
Boayikuw a wɔhwɛ mmoa a wɔde ma wɔ asiane bere mu so no muni bi kae sɛ, “Insurance nnwumakuw ka atoyerɛnkyɛm ho asɛm sɛ ɛyɛ Onyankopɔn dwumadi.” Ɔde kaa ho sɛ “nanso, atuhoamafo a wɔyɛɛ adwuma wɔ ha saa asram no nyinaa yɛ Onyankopɔn dwumadi ankasa. Yɛn onuayɛ no yɛ nwonwa!” Bere a na yɛreyɛ mmoa adwuma yi no, atuhoamafo 2,500 anaa nea ɛboro saa na wɔde wɔn ho mae bɛyɛɛ adwuma wɔ dapɛn biara awiei. Boayikuw no guamtrani kae sɛ: “Saa atuhoamafo a wontua wɔn ka yi twaa wɔn ahomegye nhyehyɛe mu, yɛɛ nsakrae wɔ wɔn abusua nhyehyɛe mu, na wotuu nneɛma afoforo a na ɛsɛ sɛ wodi ho dwuma hyɛɛ da de wɔn ho mae de boae wɔ mmoa adwuma akɛse a Yehowa Adansefo ayɛ pɛn biako mu.”
Ná mmoa adwuma ɔsatu a egye bere tenten yi gye afɔrebɔ. Ná atuhoamafo no mu biako a ɔboaa adwuma yi fi ne mfiase kosi n’awiei de nnɔnhwerew 50 na ɛyɛ n’ankasa adwuma dapɛn biara. Nanso, ɔde nnɔnhwerew 40 boaa adwuma yi dapɛn biara. Ɔkae sɛ: “Yehowa na ɔmaa me ahoɔden no. Na amannifo bisa me sɛ, ‘so wotua wo nea woyɛ yi ho ka?’ Meka kyerɛ wɔn sɛ, ‘wuntumi ntua me ɛho ka.’” Wɔ dapɛn biara awiei no, bere a wɔakɔ adwuma dapɛn mũ no nyinaa no, na abusua bi a wɔte Louisiana mantam mu de kar twa kilomita 800 wɔn kɔ ne wɔn ba kɔboa mmoa adwuma no. Na pii yɛ adwuma fi anɔpa kosi anwummere ansa na wɔakɔ fie. Kuw biako a na atuhoamafo a wɔn ho akokwaw 30 wom, a wɔde kar twa nnɔnhwerew ason kosi du kwan, kae sɛ: “Mfaso ankasa wɔ so.” Ɔfoforo a watu ne ho ama nso pɔn fii n’adwuma mu nnɔn 3:30 na ɔbɛyɛɛ adwuma wɔ mmoa adwuma no asoɛe kosii anwummere nnɔn 10:00. Ɔsan nso boae wɔ dapɛn awiei. Ɔkae sɛ: “Ɛma akomatɔyam.”
Nokwarem no, ná saafo yi ne atuhoamafo afoforo nyinaa wɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛboa esiane onuadɔ—nokware Kristofo agyiraehyɛde a wɔwɔ no nti. (Yohane 13:35) Bere a Houston kurow no sohwɛfo kɔsraa mmoa adwuma no asoɛe no, eyi kaa no ma ɔka kyerɛ Adansefo kuw bi sɛ: “Mugye nea Onyankopɔn hyɛ yɛn sɛ yɛnyɛ no tom. Mo de nea mugye di no redi dwuma.”
[Mfonini wɔ kratafa 14, 15]
Nsuyiri sɛe Houston wɔ June 9, 2001 mu
[Asɛm Fibea]
© Houston Chronicle
[Mfonini wɔ kratafa 15]
Kar akwan a adan nsubɔnten
[Mfonini wɔ kratafa 15]
Nsu yiri kɔɔ afie mu
[Mfonini wɔ kratafa 17]
Adansefo ɔpepem pii a wotuu wɔn ho mae no bi
[Mfonini wɔ kratafa 18]
Wɔn a wɔnoa nnuan no noaa nnuan bɛboro ahanu aduonum!
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 13]
NOAA