Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g00 9/8 kr. 26-28
  • Asasewosow!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asasewosow!
  • Nyan!—2000
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mmoa a Wɔde Mae
  • Sɛnea Wodii Ɔhaw a Efi Mu Bae no Ho Dwuma
  • Nea Efi Mu Ba no Ano a Yebegyina
    Nyan!—2002
  • Asasewosow A Ekunkum Nnipa No Maa wɔn Ho Dwiriw Wɔn!
    Nyan!—1986
  • So Wote Nea Wuhu No Ase?
    Nyan!—1981
  • Asasewosow Bi Ho Nhwehwɛmu
    Nyan!—2002
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2000
g00 9/8 kr. 26-28

Asasewosow!

EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ TAIWAN HƆ

“Ná meda hɔ rekenkan ade wɔ me dan mu wɔ abansoro a ɛto so akron so wɔ Taipei bere a akanea fii ase dunnumii no. Afei ɔdan no fii ase wosowee denneennen. Ná ɛte sɛ nea ɔbran tirimɔdenfo bi aso dan no mu rewosow no. Mekɔhyɛɛ ɔpon bi ase bere a na nneɛma a ɛrehwehwe fam nnyigyei ama misuro sɛ ɔdan no nsɛmso bebu agu fam no. Ɛkɔɔ so yɛɛ saa ara.”—Sɛnkyerɛwfo bi a ɔte Taiwan.

ASASEWOSOW. Edin no kɛkɛ ma ehu ka amanfo, na nnansa yi ebia woate sɛ pii asisi a ɛyɛ hu paa. Sɛnea Abotan ne Dɔte Ho Animdefo a wɔwɔ U.S. kyerɛ no, asasewosow akɛse a asisi pɛn no mu pii sii wɔ 1999 mu, na sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, nnipa dodow a wowuwui wom no bɛyɛ nnipa a wowuwu afe biara no mmɔho abien.

Asasewosow a ɛsen biara a esii wɔ 1999 mu no sii wɔ Taiwan, baabi a asasepɔn abo akɛse abien hyiam no. Sɛ yɛka ne nyinaa bom a, mmeae a akwan deda asase no mu wɔ Taiwan no yɛ 51. Enti, ɛnyɛ nwonwa sɛ afe biara asasewosow 15,000 na esisi wɔ hɔ. Nanso, emu dodow no ara ano nyɛ den koraa sɛ wobɛte.

Ɛnyɛ saa na ɛyɛe wɔ September 21, 1999. Ahemadakye 1:47 no, asasewosow bi sii wɔ Taiwan a na ano yɛ den araa ma Ɔmampanyin Lee Teng-hui frɛɛ no “supɔw no so asasewosow a ɛyɛ hu paa wɔ afeha no mu.” Edii anibu 30 pɛ, nanso na anoden yɛ 7.6 wɔ Richter nsenia no so.a Ná baabi a asasewosow no fi reba no yɛ kilomita biako pɛ, na esiane sɛ na ekura ahoɔden kɛse nti, ɛsɛee ade yiye. Liu Xiu-Xia, a ɔte bɛn baabi a asasewosow no sii no ka sɛ: “Asasewosow a ano yɛ den no ma minyanee. Ɔdan mu nneɛma bubui, na kanea a ɛbɔ nsɛmso no mu mpo bɛhwee fam ma ɛbɔe. Ná mintumi mpue efisɛ na nneɛma a ayiyi agu ne nhwehwɛ a abobɔ no ayɛ pon no ano ma.” Huang Shu-Hong, a asasewosow no maa no so fii mpa so no hyiaa ɔhaw soronko. Ɔka sɛ: “Anyinam akanea no dunnumii amonom hɔ ara ma ɛhɔ yɛɛ sum kabii. Mewɔɔ ntwɛtwɛdɛ pue kɔɔ abɔnten, na me ne mpɔtam hɔfo no traa kwankyɛn anadwo mũ no nyinaa. Asase no kɔɔ so ara wosowee.”

Mmoa a Wɔde Mae

Anɔpatutuutu no, wohui sɛ asasewosow no asɛe nneɛma pii. Na adan bɛyɛ 12,000 a emu bi yɛ dantiaa ne abansoro nyinaa abubu. Bere a asiane no ho asɛm trɛwee no, adwumayɛfo a wɔboa nkurɔfo wɔ asiane mu fi aman 23 mu baa Taiwan bɛboaa ɔman no mu adwumayɛfo no. Na nnipa pii da so ara hyehyɛ mmubui no mu.

Nnɔnhwerew 72 a edi kan wɔ asiane akyi no ho hia paa na wɔatumi ayi afoforo a wɔanwu, nanso saa bere yi de, adwumayɛfo no huu anwonwasɛm bi. Sɛ nhwɛso no, woyii abarimaa bi a wadi mfe asia a na ɔdan adwiriw agu no so no, wɔ nnɔnhwerew 87 akyi. Na wɔ Taipei no, bere a na adwumayɛfo de nnwinnade akɛse resesaw abansoro bi a ɛtoa so 12 mmubui no, wohuu aberante bi mpofirim ara. Ná ɔne ne nuabarima ahyɛ mmubui no mu nnanum, na wɔn baanu nyinaa nyaa wɔn ti didii mu!

Nanso awerɛhosɛm ne sɛ, ɛnyɛ nnipa no nyinaa na wotumi yii wɔn, na adwumayɛfo no huu biribi foforo a ɛmaa wɔn werɛ howee kɛse. Sɛ nhwɛso no, kuw biako kannifo kae sɛ: “Yɛtee sɛ abofra bi resu bɛyɛ nnɔnhwerew awotwe a atwam no. Nanso afei ogyaee su.” Awiei koraa no, nnipa bɛboro 2,300 na wowui wɔ Taiwan na bɛboro 8,500 na wopirapirae.

Sɛnea Wodii Ɔhaw a Efi Mu Bae no Ho Dwuma

Wɔyɛɛ nhyehyɛe a edi mu sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya dabere ama nnipa ɔpehaha pii a asasewosow no ma wɔhweree wɔn afie no. Mfiase no, na wɔn a wɔwɔ beae a asasewosow asi hɔ no bi mpɛ sɛ wɔbɛkɔ dan mu. Ná ntease wɔ eyi mu, efisɛ wɔ asasewosow kɛse no akyi dadu no, afoforo bɛyɛ 10,000 san sisii. Na eyi mu biako anoden yɛ 6.8 wɔ Richter nsenia no so, na ɛmaa adan a na ayeyɛ mmerɛw dedaw no pii dwiriw gui.

Nanso, wɔkɔɔ so de mmoa mae. Ankorankoro bi ahyehyɛde—a wɔn a wɔka ho ne akuw a wofi amannɔne a wɔde mmoa ma, Buddhafo kuw, Tzu Chi, ne odumgyafo—de wɔn bere ne wɔn nimdeɛ boae wɔ adwuma no mu. Wɔn a wɔde wɔn ho hyɛɛ dwumadi no mu bi nso ne Yehowa Adansefo. Esiane Bible afotu a ɛwɔ Galatifo 6:10 no nti, na wokura botae abien. Ná wɔpɛ sɛ (1) wɔboa wɔn a wɔne wɔn wɔ gyidi koro no na (2) wɔyɛ nnipa nyinaa yiye, a wɔn a ɛsono wɔn gyidi ka ho.

Da a edi kan no baa awiei no, na Yehowa Adansefo de nnuan, nsu, nneɛma a wɔde pam ntamadan, ne nnwinnade a wɔde noa nnuan wɔ abɔnten kɔ hɔ. Esiane sɛ na akwan a wɔfa so ne afoforo di nkitaho nyinaa asɛe nti, mpanyimfo a wɔwɔ asafo asia a ɛwɔ baabi a asiane asi hɔ mu no bɔɔ mmɔden kɛse hwehwɛɛ mfɛfo Adansefo ne wɔn mmusua ne Bible asuafo ne anigyefo nso. Wɔhyɛɛ Adansefo a na wɔahwere wɔn afie no nkuran sɛ wɔn nyinaa ntra faako na ama wɔatumi ahwɛ wɔn yiye na ayɛ mmerɛw nso sɛ wɔne wɔn bedi nkitaho. Ahwɛfo akwantufo ne Taiwan Baa Boayikuw no mufo kɔsraa kuw ne asafo biara kɔhyɛɛ wɔn nkuran.

Ná nea edi hɔ ne sɛ wobesiesie afie ne Ahenni Asa ahorow a asɛe no. Asafo biara kyerɛw wɔn a wobehia mmoa no din. Afei, wɔ Ɔmantam Adansi Boayikuw no akwankyerɛ ase no, wotuu adwumayɛfo akuw ma wɔkɔyɛɛ nsiesie a ehia no. Wɔ asasewosow no akyi ɔsram biako no, na wɔawie adwuma no nyinaa.

Yehowa Adansefo yɛɛ wɔn mpɔtamfo a wɔnyɛ Adansefo no nso mmoa. Sɛ nhwɛso no, Adansefo no kɔɔ ayaresabea ahorow ne ntamadan ahorow a wɔasisi no mu kɔkyekyee nkurɔfo werɛ. Wɔyɛɛ asɛm “Natural Disasters—Helping Your Child to Cope,” (Asiane Ahorow—Sɛnea Wobɛboa Wo Ba Ma Wagyina Ano) a ɛwɔ June 22, 1996, Engiresi Nyan! mu no photocopy kɔkyekyɛe. Nnipa pii ani gyee saa asɛm yi ho, na wofii ase kenkanee ntɛm ara. Bere a wɔyeyɛɛ akwan yiye no, Yehowa Adansefo de nneɛma guu lɔre mu kɔɔ nkurow a atew ne ho wɔ mmepɔw so a asasewosow no asɛe hɔ pasaa no mu.

Wɔn a wosua Bible no nim sɛ ɛka siei bere tenten sɛ sɛ wiase yi rekɔ n’awiei a, “asasewosow bɛba mmeaemmeae.” (Mateo 24:7) Nanso Bible no ma yenya awerɛhyem sɛ ɛrenkyɛ, wɔ Onyankopɔn Ahenni nniso a asomdwoe wom ase no, adesamma rensuro atoyerɛnkyɛm bio. Saa bere no, asase no bɛyɛ paradise ankasa.—Yesaia 65:17, 21, 23; Luka 23:43.

[Ase hɔ asɛm]

a Nea ɛne no bɔ abira no, na asasewosow a ɛyɛ hu a esii wɔ Turkey wɔ August 1999 no anoden yɛ 7.4, nanso ɛkame ayɛ sɛ, nnipa a wɔhweree wɔn nkwa no yɛ Taiwan de no mmɔho ason.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 27]

Yehowa Adansefo yɛɛ wɔn nhyiam ahorow bere a na wɔte nsraban mu no

[Asɛm Fibea]

San Hong R-C Picture Company

[Mfonini wɔ kratafa 28]

Asasewosow no sɛee akwan pii

[Asɛm Fibea]

San Hong R-C Picture Company

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 28]

Seismogram on pages 26-8: Figure courtesy of the Berkeley Seismological Laboratory

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena