Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w94 3/15 kr. 28-31
  • Josephus Beresosɛm a Ɛyɛ Anigye No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Josephus Beresosɛm a Ɛyɛ Anigye No
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ne Mmofraberem
  • Ɔkɔ Roma na Ɔsan Ba
  • Flavius Josephus Nhoma Ahorow a Ɔkyerɛwee
  • Onyankopɔn Asɛm Mu Nhumu
  • Atua Kɛse a Wɔtew Tiaa Roma No
  • Ɔko no Akyi
  • Josephus Ankasa na Ɔkyerɛwee?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • So Wunim?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
  • Yerusalem Sɛe—Kɔkɔbɔ Ma Yɛn Da Yi?
    Nyan!—1981
  • Masada​—Dɛn Nti Na Ɛbae?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
w94 3/15 kr. 28-31

Josephus Beresosɛm a Ɛyɛ Anigye No

ABAKƆSƐM ho adesuafo fi bere tenten asusuw Josephus nkyerɛwee ahorow a ɛyɛ nwonwa no ho. Esiane sɛ Kristo wu akyi mfe anan pɛ na wɔwoo no nti, ɔde n’ani huu Yesu nkɔmhyɛ a ɛyɛ hu a ɛfa afeha a edi kan no mu Yuda man no ho no mmamu. Ná Josephus yɛ ɔsahene, aban nanmusifo, Farisini ne nhomanimfo.

Nsɛm a ɛkanyan kɛse pii wɔ Josephus nhoma ahorow a ɔkyerɛwee mu. Ɛma nokware a Bible no yɛ no da adi kɛse, na ɛka Palestine asase no ho nsɛm. Ɛnyɛ nwonwa sɛ nnipa pii bu ne nhoma ahorow sɛ ade a ehia sɛ wɔde ka nhoma a wɔwɔ wɔ wɔn nhoma akorae ho!

Ne Mmofraberem

Wɔwoo Joseph ben Matthias, anaa Josephus wɔ 37 Y.B. mu, wɔ Roma ɔhempɔn Caligula nniso afe a edi kan no mu. Ná Josephus papa fi asɔfo abusua bi mu. Ɔkyerɛe sɛ na ne maame fi Hasmonae asefo mu sɔfo panyin Jonathan abusua mu.

Bere a Josephus yɛ abarimaa ara no, ɔde nsi suaa Mose Mmara no. Ɔhwehwɛɛ akuw abiɛsa a ɛwɔ Yudasom mu no mu yiye—Farisifo, Sadukifo ne Essenfo. Bere a n’ani gyee Essenfo no ho no, ɔne ntwehoni bi a ɔte sare so a wɔfrɛ no Bannus a ebia na ɔyɛ Essenni kɔtrae mfe abiɛsa. Josephus gyaee Essenfo fekuw no bere a na wadi mfe 19, na ɔsan kɔɔ Yerusalem de ne ho kɔbɔɔ Farisifo no.

Ɔkɔ Roma na Ɔsan Ba

Josephus tuu kwan kɔɔ Roma wɔ 64 Y.B. mu kɔsrɛ maa Yudafo asɔfo bi a na Yudea amrado Felike de wɔn akɔma Ɔhempɔn Nero sɛ ommu wɔn atɛn no. Ohyiaa asugu wɔ akwantu no mu ma ɛkaa kakraa bi ma owui. Hyɛn no mu nnipa 600 no mu 80 pɛ na wotumi gyee wɔn nkwa.

Bere a Josephus kɔɔ Roma no, Yudani guasodeyɛfo bi de no kɔkyerɛɛ Nero yere, ɔhemmaa Poppaea. Ɔbea no dii dwuma titiriw wɔ yiye a odii wɔ ne dwuma a okodii no mu. Kurow no kɛse a ɛyɛ no nyaa Josephus so nkɛntɛnso kɛse.

Bere a Josephus san kɔɔ Yudea no, na Yudafo no asi wɔn bo sɛ wɔbɛtew atua atia Roma. Ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛma ne manfo no ahu mfaso a ɛremma so sɛ wɔne Romafo bedi ako. Bere a wantumi annan wɔn adwene na ebia osuroe sɛ wobebu no ɔmammɔfo no, ɔpenee so gyee dibea sɛ Yudafo a wɔwɔ Galilea no sraani panyin. Josephus boaboaa ne mmarima no ano tetee wɔn na ogyee akode ne nnuan a wobehia ma wɔde asiesie wɔn ho ama wɔne Romafo asraafo akodi no—nanso ankosi hwee. Galilea hwee ase wɔ Vespasian asraafo nsam. Bere a wɔkaa kurow no hyɛɛ mu nnafua 47 akyi no, wodii beae a na Josephus de asraafo a wɔyɛ den abɔ ho ban wɔ Jotapata no so.

Bere a ofii ne pɛ mu de ne ho mae no, Josephus de anitew hyɛɛ nkɔm sɛ ɛnkyɛ na Vespasian ayɛ ɔhempɔn. Wɔde no too afiase nanso esiane nkɔmhyɛ yi nti wɔantwe n’aso, na bere a nkɔmhyɛ no baam no, wogyaee Josephus. Ɛno ne nsakrae bere wɔ n’asetram. Wɔ ɔko no bere a ɛkae mu no, ɔsom Romafo no sɛ kasa asekyerɛfo ne ntamgyinafo. Josephus kyerɛɛ mmoa a Vespasian ne ne mmabarima Tito ne Domitian de maa no no ho anisɔ, faa wɔn abusua din Flavius kaa ne din ho.

Flavius Josephus Nhoma Ahorow a Ɔkyerɛwee

Edin a ɛda Josephus nhoma a akyɛ sen biara so ne The Jewish War. Wogye di sɛ ɔkyerɛw saa nhoma a ekura po ason no na ɔde ama Yudafo no ahu no pefee sɛ Romafo no ahoɔden korɔn sen wɔn de, na ayi wɔn hu ma wɔantew atua antia wɔn bio. Saa nhoma ahorow yi pɛɛpɛɛ Yudafo abakɔsɛm mu fi bere a Antiochus Epiphanes ko dii Yerusalem so (wɔ afeha a ɛto so abien A.Y.B. mu) kosi ntawntawdi a na emu yɛ den a ɛbae wɔ 67 Y.B. mu no. Sɛ́ obi a ɔde n’ani hui no, afei Josephus ka akodi a ɛbaa awiei wɔ 73 Y.B. mu no ho asɛm.

Josephus nhoma foforo a ɔkyerɛwee ne The Jewish Antiquities, Yudafo abakɔsɛm ho nhoma a ekura po 20. Efi ase ka Genesis ne adebɔ ho nsɛm, na ɛtoa so kosi ɔko a ɛbaa wɔne Romafo ntam no so. Josephus dii ɔkwan a wɔnam so hyehyɛɛ Bible mu nsɛm no akyi pɛɛ, na ɔde nsɛm a ɛhɔfo ka ne nnipa afoforo kae nso kaa ho.

Josephus kyerɛw n’ankasa anom asɛm a ɔtoo din tiawa sɛ Life. Emu na ɔbɔ mmɔden sɛ obeyi ne ho ano wɔ gyinabea a ɔpawee wɔ ɔko no mu ho, na wabrɛ sobo a Justus a ofi Tiberia de bɔɔ no no ano ase. Ne nhoma a ɛto so anan—a ekura po abien a ɛfa anoyi ho a ɔtoo din Against Apion—no gyina Yudafo no akyi kasa tia ntwatoso ahorow no.

Onyankopɔn Asɛm Mu Nhumu

Akyinnye biara nni ho sɛ Josephus abakɔsɛm no mu dodow no ara yɛ nokware. Wɔ ne nhoma a wato din sɛ Against Apion mu no, ɔkyerɛ sɛ Yudafo no amfa nhoma ahorow bi a wɔfrɛ no Apocrypha no anka Kyerɛwnsɛm a efi honhom mu no ho da. Odi nokware a ɔsoro nkyerɛwee no yɛ ne hyia a ɛne ne ho hyia no ho adanse. Josephus ka sɛ: “Yenni nhoma ahorow pii a ɛne wɔn ho wɔn ho nhyia a biako bɔ ɔfoforo abira, . . . na mmom nhoma aduonu abien pɛ [a ɛyɛ yɛn nnɛyi Kyerɛwnsɛm a wɔakyekyem 39 no], a tete kyerɛwtohɔ nyinaa wom no; na yegye tom nokwarem sɛ efi soro.”

Josephus de nsɛm a ɛyɛ anigye ka Bible kyerɛwtohɔ ho wɔ The Jewish Antiquities mu. Ɔka sɛ, “Na Isak adi mfe aduonu anum” bere a Abraham kyekyeree ne nsa ne ne nan sɛ ɔde no rebɔ afɔre no. Sɛnea Josephus kyerɛ no, bere a Isak aboa n’agya ma wasi afɔremuka no awiei no, ɔkae sɛ, “‘sɛ ɔpow Onyankopɔn ne n’agya apɛde no a, nea edi kan koraa no, ná ɔmfata sɛ wɔwoo no’ . . . Enti ɔde ahoɔhare kɔdaa afɔremuka no so sɛ wɔmfa no mmɔ afɔre.”

Wɔ Kyerɛwnsɛm no kyerɛwtohɔ a ɛfa Misraim a Israelfo no fii ho no, Josephus de saa nsɛm yi ka ho sɛ: “Wɔn a wotiw wɔn no dodow yɛ nteaseɛnam ahansia a apɔnkɔsotefo mpem aduonum ka ho, ne dɔm a wɔnam fam mpem ahanu a wɔn nyinaa de akode asiesie wɔn ho.” Josephus ka nso sɛ, “bere a Samuel dii mfe dumien no, ofii ase hyɛɛ nkɔm: na bere bi a na wada no, Onyankopɔn de ne din frɛɛ no.”—Fa toto 1 Samuel 3:2-21 ho.

Josephus nhoma afoforo nso ma wonya tow, mmara, ne nsɛm afoforo mu nhumu. Ɔbɔ Salome din sɛ ɔno ne ɔbea a ɔsawee wɔ Herode apontow ase a ɔkae sɛ ɔpɛ Yohane Osuboni ti no. (Marko 6:17-26) Josephus na ɔyɛɛ nsɛm a yenim fa Herode ahorow ho no ho kyerɛwtohɔ no mu pii. Ɔka mpo sɛ “nea ɛbɛyɛ na wakata mfe pii a wadi so no, [Herode] de aduro tuntum kaa ne tirinhwi.”

Atua Kɛse a Wɔtew Tiaa Roma No

Bere a Yesu hyɛɛ ne nkɔm a ɛfa Yerusalem ne n’asɔredan ho akyi mfe 33 pɛ no, efii ase nyaa ne mmamu. Yudafo kuw bi a wɔyɛ katee a wɔwɔ Yerusalem bɔɔ mmɔden sɛ wobeyi Romafo kondua afi wɔn so. Wɔ 66 Y.B. mu no, asɛm yi maa Romafo boaboaa asraafodɔm a Syria amrado Cestius Gallus di wɔn anim ano na wɔsomaa wɔn. Ná wɔn dwumadi ne sɛ wobesiw atuatew no ano na wɔatwe nnebɔneyɛfo no aso. Bere Cestius mmarima no sɛee nneɛma wɔ Yerusalem mmorɔn ahorow so akyi no, wɔbɔɔ nsra wɔ kurow a na wɔato afasu afa ho no. Romafo no nam adeyɛ bi a wɔfrɛ no testudo a wɔde dii dwuma so tumi kekaa wɔn akyɛm boom ma ɛyɛɛ te sɛ akyekyere akyi de bɔɔ wɔn ho ban fii atamfo ho. Ɔredi nkonim a saa kwan yi dii ho adanse no, Josephus ka sɛ: “Mpeaw a wɔtotowee nyinaa hwehwee ase, na ɛwatiri watirii a antumi ampira wɔn; enti asraafo no tutuu ɔfasu no ase a wɔampira, na wosiesiee wɔn ho wiei koraa sɛ wɔbɛhyew asɔredan no ano pon no.”

Josephus ka sɛ: “Afei ɛbae sɛ Cestius maa n’asraafo no nyinaa san wɔn akyi bae . . . Ɔsan fii kurow no mu a na ntease biara nnim.” Bere a ɛda adi sɛ na adwene biara nni Josephus tirim sɛ obeyi Onyankopɔn Ba no ayɛ no, ɔyɛɛ adeyɛ a na Kristofo a wɔwɔ Yerusalem retwɛn no ho kyerɛwtohɔ. Ná ɛyɛ Yesu Kristo nkɔmhyɛ no mmamu! Na Onyankopɔn Ba no abɔ kɔkɔ mfe bi a atwam sɛ: “Sɛ muhu sɛ dɔm atwa Yerusalem ho ahyia a, ɛnde munhu sɛ ne bɔ abɛn. Ɛnna momma wɔn a wɔwɔ Yudea nguan nkɔ mmepɔw so, na wɔn a wɔwɔ [Yerusalem] mfi mu nkɔ, na wɔn a wɔwɔ nkuraase no, mommma wɔnnkɔ mu, efisɛ eyi ne aweredi nna, na nneɛma a wɔakyerɛw no nyinaa aba mu.” (Luka 21:20-22) Sɛnea Yesu hyɛe no, n’akyidifo anokwafo no yɛɛ ntɛm guan fii kurow no mu kɔɔ akyirikyiri, na wɔdee wɔn ho fii amanehunu a ɛtoo kurow no akyiri yi no ho.

Josephus yɛɛ amanehunu a ɛbae bere a Romafo asraafo no san bae wɔ 70 Y. B. mu no ho kyerɛwtohɔ pɛpɛɛpɛ. Vespasian ba barima panyin Ɔsahene Tito, bedii Yerusalem ne n’asɔrefie kɛse no so nkonim. Akuw ahorow a na wɔredi ako a wɔwɔ kurow no ankasa mu bɔɔ mmɔden sɛ wobedi kurow no so. Wɔnam basabasayɛ so kunkum nnipa pii. Sɛnea Josephus ka no, ‘na amanehunu a ɛwɔ wɔn kurow no mu ama ebinom ahaw araa ma, na wɔn kɔn dɔ sɛ Romafo no bɛto ahyɛ kurow no so’ a na wɔhwɛ kwan sɛ “ɛbɛma wɔade wɔn ho afi ɔhaw a na ɛwɔ wɔn kurow no mu no ho.” Ɔfrɛɛ kurow no mu atuatewfo no “akorɔmfo,” a na wɔresɛe adefo agyapade na wɔrekunkum nnipa atitiriw—wɔn a na wosusuw sɛ wɔpɛ sɛ wɔde wɔn ho ma Romafo no.

Yerusalem asetra bɛyɛɛ aninyanne a ɛnsɛ sɛ wɔbɔ din bere a ɔmanko kɔɔ so no, na na afunu deda hɔ a wonsie wɔn. Atuatewfo no ankasa “twaa wɔn ho ne wɔn ho koe, bere a na wotiatia afunu a wɔaboaboa wɔn ano no so.” Wɔfow amanfo nneɛma, kunkum nnipa de hwehwɛɛ aduan ne ahonyade. Wɔn a na wɔwɔ ahohia mu no kɔɔ so sui.

Tito tuu Yudafo no fo sɛ womfi wɔn pɛ mu mfa kurow no mma na wonnye wɔn ho nkwa. “Ɔsomaa Josephus ma ɔne wɔn kɔkasae wɔ wɔn ankasa kasa mu; efisɛ osusuwii sɛ na wobetie wɔn ankasa man muni asɛm.” Nanso wɔbɔɔ Josephus ahohora. Afei, Tito de nnua a ano hwirenhwiren yɛɛ ɔfasu twaa kurow mũ no nyinaa ho hyiae. (Luka 19:43) Bere a na ɔkwan biara nni hɔ a wobetumi afa so aguan, na wontumi nkɔ baabiara no, ɔkɔm “kunkum afie ne mmusua mu nnipa nyinaa.” Akodi a na ɛrekɔ so no nso kunkum nnipa no pii. Bere a na Tito nnim sɛ ɔrema Bible nkɔmhyɛ abam no, odii Yerusalem so nkonim. Akyiri yi, bere a ɔhwɛɛ afasu no ne aban a ɛyɛ den no ɔkae sɛ: “Akyinnye biara nni ho sɛ Onyankopɔn na watu Yudafo yi afi saa aban dennen yi mu.” Yudafo bɛboro ɔpepem biako hweree wɔn nkwa.—Luka 21:5, 6, 23, 24.

Ɔko no Akyi

Josephus kɔɔ Roma wɔ ɔko no akyi. Roma abusua bi a wɔfrɛ wɔn Flavius hwɛɛ no, na ɔtraa ase sɛ Romani wɔ Vespasian kan fi kɛse mu, na ogyee akatua sɛ odwumayeni a onyin ama wagyae adwumayɛ ne akyɛde pii nso fii Tito hɔ. Afei Josephus bɛyɛɛ nhoma kyerɛwfo.

Ɛyɛ anigye sɛ yebehu sɛ Josephus na ɔde asɛmfua “Teokrase” bae. Ɔkyerɛw faa Yuda man no ho sɛ: “Yɛnam tumi ne ahoɔden a yɛde bɛma Nyankopɔn no so betumi aka . . . sɛ yɛn nniso no yɛ Teokrase de.”

Josephus anka da sɛ ɔyɛ Kristoni. Wamfi Onyankopɔn honhom mu na ɛkyerɛw ne nsɛm no. Nanso, abakɔsɛm mu nimdeɛ pii wɔ Josephus beresosɛm a ɛyɛ anigye no mu.

[Kratafa 31 mfonini]

Josephus a ɔwɔ Yerusalem afasu ho

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena