Wɔkaa Aduankɔm Ho Asɛm Siei
WƆ NNANSA yi mfe mu no, ɔkɔm ho osuro abu so wɔ wiase nsɛm amanneɛbɔ mu ma ɛyɛ awerɛhow. Yɛate amanehunu a yɛn werɛ ntumi mfi ho nsɛm afi Ethiopia ne mmeae afoforo. Wɔ 1992 mu no, wɔdan wiase no adwene kɔɔ wɔn a aduankɔm, a ɔpɛ ne ɔko de aba ama wɔahu amane kɛse wɔ Somalia no so. International Herald Tribune bɔɔ amanneɛ wɔ September 1992 mu sɛ: “Obiara nnim Somaliafo dodow a wɔawuwu, nanso Red Cross bu akontaa sɛ wɔbɛboro 100,000. Nnipa ɔhaha pii, sɛ ɛnyɛ mpempem mpo a, na wowuwu da biara.”
Akontaabu no mma yenhu ahohia ne ɛyaw a ankorankoro a ɛka wɔn no fa mu no. Yvette Pierpaoli, Refugees International nanmusifo a ɔwɔ Europa no kyerɛwee wɔ UN nsɛmma nhoma Refugees mu sɛ: “Wɔ New York anaa Geneva no, aguanfo ho asɛnnennen no da adi pefee; wɔbɔ dodow no ho amanneɛ, na ɛyɛ mpem huhaa araa ma ɛyɛ den sɛ wobetumi ate ase. Nanso sɛ wufi hɔ twa akwansin mpempem pii kɔ aman a ɛhɔ yɛ sakasaka ahye so a, wo home bɛtew na sɛnea wɔrehu amane kɛse no bɛma woate nka sɛ ɛsɛ sɛ woteɛm.”
Bere a Red Cross ka sɛ mmɔden a wɔrebɔ sɛ wɔbɛboa SomaIia no yɛ mmoa a ɛsen biara a wɔde ama nnipa pɛn no, nnipa pii ka sɛ ɛtaa yɛ mmoa ketewaa bi, na ɛka akyi dodo. Pierpaoli ka sɛ: “Aman a wɔde mmoa ma twentwɛn wɔn nan ase, efisɛ wɔabrɛ Afrika a ɛresee a wɔreboa wɔn no mu. . . . Wonunu Afrikafo wɔ wɔn nsɛm a wonni ho dwuma yiye, wɔn akannifo a wɔyɛ adefudepɛfo, ne ntawntawdi a ɛte sɛ nea ennyae da no ho.”
Bible no kaa bere bi a aduankɔm bɛba “mmeaemmeae” ho asɛm siei. Aduankɔm yi, ne nsɛm afoforo a eresisi te sɛ akodi, asasewosow, ne yaredɔm ahorow, kyerɛ sɛ Onyankopɔn Ahenni no abɛn. (Luka 21:11, 31) Bible no kyerɛ nso sɛ wɔ Onyankopɔn Ahenni a ɛbɛyɛ nneɛma pa yi ase no, aduan bebu so ama adesamma nyinaa. Odwontofo no kyerɛwee sɛ: “Asase no so aburofuw bedu mmepɔw atifi.”—Dwom 72:16.