Kɔ So Wɛn!
ASƐM bi a wɔato din “nea wontumi nsusuw ho no ho a wosusuw” puei wɔ February 14, 1980, New York Times mu. Emu no wɔkyerɛ sɛ Dr. Howard H. Hiatt, Harvard sukuu a ɛkyerɛ ɔmanfo akwahosan ho ade no panyin kaa asɛm bi a ɛfa nea nuklea ɔtopae biako betumi ayɛ ho sɛ “ɛno ne nea ɛso sen biara a ɛwɔ mmeae horow a wɔde akode sie” wɔ Boston mpɔtam hɔ. Ɔkae sɛ:
“Saa akode koro no sɛe biribiara a ɛbɛn no kosi akwansin anan. Ɔtopae no ananmu ankasa trɛw bɛyɛ akwansin fã na etu amoa a emu dɔ bɛyɛ anammɔn ɔhaha pii. Nneɛma a ɛwɔ bɛyɛ akwansin anan a ebetumi asɛe ne nyinaa akyi no mframa a ano yɛ den a ɛtaa twa akwansin apem dɔnhwerew biako mu no de ahum a ɛpa gya bɛba. Nnipa a wɔwɔ akwansin aduanan a wɔhwɛ eyi ani betumi afura. Ɔtopae no anaasɛ ahum a ɛpa gya no bekunkum nnipa ɔpepem abiɛsa a wɔwɔ Boston mpɔtam hɔ no mu ɔpepem 2.2 amonom hɔ ara.”
Eyi ne nea ebia ebedi kan aba, sɛ wɔtow ɔtopae mpempem pii a ɛwɔ mmeae horow a wɔde akode sie no mu biako pɛ ma ɛkɔtɔ faako a wɔpɛ sɛ ɛkɔtɔ no a.
Ampa, nokwasɛm a ɛyɛ sɛ nea “wonsusuw sɛ ebetumi aba” no betumi aba no yɛ nea enti ɛsɛ sɛ yesusuw wiase tebea ho. Nnipa pii resusuw ho. Amanneɛbɔ titiriw bi a epuei February 11, 1980, U.S. News & World Report atesɛm krataa mu no kaa aman akɛse a ɛwɔ asase so no asraafo ahoɔden ho asɛm, na efii ase sɛ: “Wɔ wiase a ɛrehwɛ ade a ehu aka no fam no, nnɛyi Rusia te sɛ asraafo man a abɔ dam, na ɛrebɔ mmɔden sɛ ebedi wiase yi so.” Eyi yɛ wiase a ɛrehwɛ ade a ehu aka no ampa, efisɛ ɔsɛe a nuklea akodi betumi de aba no haw adwene kɛse. Na akyinnye biara nni ho sɛ asase yi so tumidi abɛyɛ yɛn bere so asɛm a emu yɛ den.
So biribi wɔ hɔ a wobetumi ayɛ wɔ saa ɔsɛe tebea yi ho? Nnipa bebree de ahodwiriw hwɛ. Wohu sɛ aman resi akan wɔ asraman, ɛpo ase akode ahorow, wim akode ahorow, nuklea akode ne nea ɛtete saa mu. Bere a wɔhwɛ no, wohu no pefee sɛ asiane kɛse betumi afi wim ne ɛpo so aba wɔn so, sɛnea Awurade, Yesu, ka siei wɔ nneɛma nhyehyɛe bɔne no nna a edi akyiri yi ho wɔ asase so no. Yesu kae sɛ:
“Ahude ne nsɛnkyerɛnne akɛse befi soro aba. Na nsɛnkyerɛnne bɛba owia ne ɔsram ne nsoromma mu, na amanaman ho bɛyeraw wɔn asase so, ne aniani, sɛ ɛpo ne asorɔkye rehuru; na ehu ne nneɛma a wɔhwɛ a ɛreba wiase rekum nnipa ntia; na ɔsoro ahoɔden bɛwosow.”—Luka 21:11, 25, 26.
“MOMMA MO TI SO”
Tebea no bɛyɛ nea ɛhyɛ ehũ ampa ama wɔn a wosusuw nneɛma a ɛrekɔ so no ho wɔ wiase kwan so ara kwa no. Nanso, Yesu kɔɔ so kae sɛ:
“Nneɛma yi refi ase aba a, monhwɛ ɔsoro na momma mo ti so, efisɛ mo gye rebɛn.” (Luka 21:28)
Enti ɛho nhia sɛ wɔn a wogyina Yehowa nkɔmhyɛ Asɛm no mu gyidi so susuw nneɛma a ɛrekɔ so wɔ wiase ho no suro. Sɛ anka nea ɛbɛba wɔ nuklea akodi mu ho hũ bɛhyɛ wɔn so no, wɔde ahotoso rehwɛ ogye a Onyankopɔn ahyɛ ho bɔ no kwan.
So woyɛ obi a wohwɛ kwan sɛ asomdwoe bɛsan aba adesamma mu anaa? Ɛnde na ɛsɛ sɛ wutie nkyerɛkyerɛmu a Yesu de mae wɔ nea yɛn bere yi kyerɛ no ho no. Efi bere a Wiase Nyinaa Ko I bae no, amanaman ahoyeraw, basabasayɛ, awudi, aduankɔm, asasewosow, ɔyaredɔm ne ɔhaw afoforo aba asase so, sɛnea Yesu ka siei sɛ ɛbɛyɛ ‘ne ba ne nneɛma nhyehyɛe yi awiei ho nsɛnkyerɛnne’ no. (Mat. 24:3-12; Luka 21:10, 11) Nanso ɔde saa nsɛm yi kaa ho sɛ: “Sɛ muhu eyinom sɛ ɛba a, munhu sɛ Onyankopɔn ahenni abɛn. Nokware mise mo sɛ, awo ntoatoaso yi rentwam gye sɛ ne nyinaa aba mu ansa. Ɔsoro ne asase betwam, na me nsɛm de, ɛrentwam da.”—Luka 21:31-33.
Anyɛ yiye koraa no awo ntoatoaso a ehuu basabasayɛ bere yi mfiase wɔ 1914 mu no mufo binom rehwɛ kwan sɛ wobehu n’awiei. Ɛno bɛyɛ bere a Daniel 2:44 benya mmamu, nea ɛfa “ahene” anaa sodifo a mprempren yi wɔko pere wiase tumidi pɛsɛmenkominya kwan so ho no: “Ahene no nna no mu no ɔsoro Nyankopɔn bɛma ahenni a wɔrensɛe no da . . . bi so, na ebebubu ahenni horow no nyinaa ma asa, na ɛno de, ebegyina daa.” Amanaman nuklea akodi ahorow no bɛyɛ hunu bere a wohyia Onyankopɔn ahenni a ɛnam Kristo Yesu so no tumi a enni ano no. “Ahene mu hene” yi bebu amanaman no atɛn trenee mu, asɛe abɔnefo no na wakora wɔn a wɔyɛ ahobrɛasefo a wɔakɔ so awɛn no so. Hwɛ nwonwa ara a ahenni nhyira horow a ebedi akyi aba no bɛyɛ! “Ahobrɛasefo benya asase no adi, na wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu”—Dw. 37:10, 11; Adi. 19:11-21.
MA W’ANI NNA HƆ!
Ɛde rekɔ ne nkɔmhyɛ a ɛfa nneɛma nhyehyɛe yi awiei ho no awiei no, Yesu de kɔkɔbɔ yi mae: “Na monhwɛ mo ho so yiye, na potwaa ne asabow ne nkwa yi mu nneɛma ho dadwen ne haw anhyɛ mo koma so, na ɛda no ammɛto mo mpofirim. Na ɛte sɛ afiri na ɛbɛba wɔn a wɔte asase nyinaa ani nyinaa so.” Wɔ saa Onyankopɔn aweredi da a ɛbɛba aman ne nnipa a wɔpɛ nsɛmmɔnedi so no mu no, nnipa ara a wɔbɛkora wɔn so ne wɔn a wonya “onipa Ba,” Yesu Kristo, anim atemmu pa no. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wofi mu ka nyinaa tie Yesu afotu no: “Enti monwɛn na monsrɛ daa, na wɔabu mo sɛ mosɛ sɛ mobeguan afi nneɛma a ɛrebɛba yi nyinaa mu, na moakogyina onipa ba no anim.”—Luka 21:34-36.
Bere a ɔde saa nkɔmhyɛ koro no ara reba awiei no, sɛnea Marko kyerɛwtohɔ no kyerɛ no, Yesu kae sɛ: “Monhwɛ yiye, monwɛn, . . . na munnim da ko a bere no du. Enti monwɛn na wammefi mo mpofirim ammehu mo sɛ moda. Na nea mise mo yi, mise nnipa nyinaa, monwɛn.” Yehowa Adansefo yɛ eyi nnɛ, bere a wɔde nnamyɛ ka ‘asɛmpa no wɔ amanaman nyinaa mu’ sɛ Onyankopɔn ahenni a ɛnam Kristo so no abɛn no. (Marko 13:10, 33-37) Nea anya kyɛfa wɔ saa wiase nyinaa adansedi yi mu ne Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma a mprempren ahyɛn n’afe a ɛto so 103 mu no. Yɛwɔ anidaso sɛ saa nkratafa yi bɛkɔ so ayɛ awerɛkyekye ama yɛn akenkanfo ɔpepem pii no, na ahyɛ nnipa nyinaa nkuran sɛ “MONWƐN.”