Nuklea Ko—Dɛn Na Bible Ka Fa Ho?
Aman akɛse a ɛwɔ wiase no, dodow no ara wɔ nuklea bɔmb, na wɔgu so ara reyɛ bi ka ho. Enti wiase yi mu nnipa dodow no ara suro sɛ, anhwɛ a saa aman yi de nuklea bɔmb no bɛko. Ntease a nnipa bebree abenya ne sɛ, sɛnea nuklea bɔmb a wiase aman reyɛ no adɔɔso no, sɛ nuklea ko si a, ɛrenyɛ nwanwa. Ebinom mpo suro sɛ, sɛ ɔman bi kɔto nuklea bɔmb ketewa baako mpo kɔto ɔman bi so a, obiara begyaa ne de mu ama wiase asɛe pasapasa. Nhoma a wɔato din Bulletin of the Atomic Scientists kyerɛ sɛ, “nuklea ko de, ebetumi asi bere biara.”
Enti nuklea ko betumi asi ampa? Na sɛ esi a, yɛn asaase yi, ebi bɛka? Seesei a yɛn yam hyehye yɛn sɛ anhwɛ a nuklea ko besi yi, dɛn na ɛbɛboa yɛn na ayamhyehye no ansɛe yɛn anigye? Dɛn na Bible ka?
Nea yɛrebɛka ho asɛm
Sɛ wo yam hyehye wo sɛ anhwɛ a nuklea ko besi a, dɛn na ɛbɛboa wo?
Adiyisɛm nhoma a ɛwɔ Bible mu no, ɛka nuklea ko ho asɛm anaa?
Bible aka ato hɔ sɛ nuklea ko besi anaa?
Nuklea ko de, Bible nhyɛ da mmɔ din pɔtee. Nanso, wohwɛ nneɛma bi a Bible kaa sɛ ebesisi wɔn yɛn bere yi so a, sɛ nuklea ko si a ɛrenyɛ nwanwa. Saa ara nso na wohwɛ suban a Bible kaa sɛ nnipa benya wɔ yɛn bere yi so a, ɛnyɛ nwanwa sɛ ebinom ayeyɛ nuklea bɔmb ama akɔfa ayamhyehye abɛto yɛn so yi.
Hwɛ Bible mu nsɛm a edidi so yi na fa toto nsɛm a ɛresisi wɔ wiase nnɛ no ho:
Bible mu asɛm: Yesu asuafo no bisaa no sɛ: “Dɛn na ɛbɛyɛ wo mmae ho sɛnkyerɛnne, na sɛ wiase yi awiei bere no du a, dɛn na ɛbɛyɛ ho sɛnkyerɛnne?” Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɔman bɛsɔre atia ɔman, na ahenni asɔre atia ahenni.”—Mateo 24:3, 7.
Nsɛm a ɛresisi wɔ wiase nnɛ: Ɛnnɛ aman bebree wɔ hɔ a, sɛ asɛm ketekete si wɔne ɔman foforo ntam a, seesei ara na wɔama adan ntɔkwaw. Aman a yɛreka yi, ebi wɔ nuklea bɔmb.
“Seesei de, biribi ketewa biara a na adan ntɔkwaw. Ɔko atwa yɛn ho ahyia wɔ wiase baabiara.”—The Armed Conflict Location & Event Data Project.
Bible mu asɛm: “Awiei bere no mu no, anaafo fam hene no ne [atifi fam hene] no bepiapia wɔn ho.”—Daniel 11:40.
Nsɛm a ɛresisi wɔ wiase nnɛ: Wohwɛ wiase nyinaa a, wubehu sɛ ɔman wei ne ɔman wei ani nhyia; obiara pɛ sɛ ɔkyerɛ sɛ ɔwɔ hɔ. Wɔn mu biara nso wɔ aman a ɛtaa n’akyi. Wei ne asɛm a Bible kae no hyia. Enti ɛwom, aman akɛseakɛse a ɛwɔ nuklea bɔmb no, ebia wɔremfa nsi ani de, nanso wɔn nyinaa ani abere gu so reyɛ nuklea bɔmb bebree.
“Wohwɛ mfe du a abɛsen kɔ yi a, wiase aman bebree na ɛredi ako. Na ɛtɔ da a aman a ɛreko no, wobɛhwɛ na wiase aman akɛse no bi gyina baako akyi, na ebi nso gyina foforo akyi.”—The Uppsala Conflict Data Program.
Bible mu asɛm: ‘Awiei mmere no mu no, mmere a emu yɛ den bɛba. Efisɛ nnipa bɛyɛ wɔn a nkurɔfo rentumi ne wɔn nyɛ apam, wɔbɛsɛe nkurɔfo din, wɔrentumi nhyɛ wɔn ho so, wobedi atirimɔdensɛm.’—2 Timoteo 3:1-3.
Nsɛm a ɛresisi wɔ wiase nnɛ: Sɛnea ɛnnɛ, nnipa bebree adwene nhyia wɔ nneɛma bi ho no, saa na wiase aman mpanyimfo bebree te. Wɔn adwene ntaa nhyia wɔ nneɛma bi ho. Na ɛba saa a, sɛ́ anka wɔbɛtena ase aka no bɔkɔɔ no, wobɛhwɛ no, na adan ahunahuna ne ntɔkwaw. Sɛ ɛba saa a, na afei ayɛ sɛ anhwɛ a, ɛbɛkɔ akɔfa nuklea ko aba.
“Ɛsɛ sɛ wiase aman no ka wɔn ti pam ho hwɛ sɛnea obiara ne ne yɔnko bedi nsawɔso asomdwoe mu. Anyɛ saa a, akokoakoko bɛdɔɔso, na ɛbɛyɛ hu nso.”—S. Saran ne J. Harman, World Economic Forum.
Onyankopɔn bɛma kwan ama nuklea ko asi anaa?
Bible nka. Nanso ɛma yehu sɛ yɛn mmere yi mu no, “nneɛma a ɛyɛ hu” anaa nneɛma a etu koma besisi. (Luka 21:11) Nneɛma a ɛyɛ hu a yɛreka ho asɛm yi, ebi ne nuklea bɔmb a wɔtotow no wɔ Wiase Ko a Ɛtɔ So Mmienu no mu no. Bible ma yehu nea enti a Onyankopɔn ma kwan ma ɔko a ɛtete saa sisi. Sɛ wopɛ sɛ wusua ho ade pii a, hwɛ video a yɛato din Dɛn Nti Na Onyankopɔn Ma Amanehunu Ho Kwan?
Yɛn asaase yi bɛsɛe?
Daabi. Sɛ mpo aman bi san kɔtow nuklea bɔmb kɔ ɔman foforo so a, Onyankopɔn renhwɛ mma bɔmb atotoatotow no nkɔ so saa ara mma yɛn asaase yi nsɛe. Bible ma yehu sɛ, biribiara nni hɔ a ɛbɛsɛe yɛn asaase yi. Mmom, nnipa bɛtena so daa.
Ebinom wɔ adwene sɛ, daakye, nuklea ko besi ama nnipa a ɛwɔ wiase dodow no ara awuwu. Wɔsusuw sɛ ɛbɛma asaase so nneɛma nyinaa asɛe; nsu oo, mframa oo, biribiara bɛyɛ basaa. Afei nnipa kakraa bi a wɔbɛka no, wɔbɛbrɛ mu paa ansa na wɔatumi atena nkwa mu. Nanso Bible ma yɛte ase sɛ, biribiara a ɔko bɛsɛe no wɔ asaase yi so no, Onyankopɔn besiesie ne nyinaa.
Onyankopɔn pɛ sɛ osiesie asaase no kama, ma yɛtena so anigye mu
Yɛn Bɔfo no hyɛɛ da bɔɔ asaase yi yiye paa; ɔbɔɔ asaase wɔ kwan bi so a, ɛno ara tumi siesie ne ho yɛ ne ho foforo. Onyankopɔn nso de ne tumi besiesie asaase no ama asan afa ne ntama pa afura. Asaase no ahoɔfɛ bɛyɛ krabɛhwɛ, na nnipa bɛtena so daa.—Dwom 37:11, 29; Adiyisɛm 21:5.
Sɛ wo yam hyehye wo sɛ anhwɛ a nuklea ko besi a, dɛn na ɛbɛboa wo?
Ebinom de ehu na ɛte wiase, efisɛ wɔn yam hyehye wɔn paa sɛ anhwɛ a nuklea ko besi, na akɔfa amanehunu ne ahohiahia abɛsoɛ nnipa so. Wɔn a saa ehu yi wɔ wɔn mu no, bɔhyɛ ne afotu a ɛwɔ Bible mu betumi aboa wɔn ama wɔaka wɔn koma ato wɔn yam. Ma yɛnka wei ho asɛm kakra.
Bible ma yehu sɛ anidaso wɔ hɔ ma yɛn asaase yi ne wɔn a ɛtete so no. Sɛ yesua saa anidaso yi ho ade a, ɛbɛyɛ ‘te sɛ sɛkyɛ ama yɛn nkwa,’ kyerɛ sɛ ɛbɛma yɛn dadwen so atew. (Hebrifo 6:19, ase hɔ asɛm) Ade foforo a ebetumi ama yɛn dadwen so atew ne sɛ, ɛnsɛ sɛ yɛkɔfa ɔkyena haw bɛka ɛnnɛ de ho. Nneɛma a yesuro sɛ anhwɛ a ebesi daakye no, ɛnsɛ sɛ yedwinnwen ho haw yɛn ho. Yesu kaa sɛ, “ɛda biara wɔ n’ankasa haw a ɛdɔɔso ma no.”—Mateo 6:34.
Ade baako a ehia paa ne sɛ, nneɛma a yɛde yɛn adwene kɔ so no, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ no yiye na amma adwinnwen anhyɛ yɛn so. Ɛtɔ da a wobɛte sɛ nkurɔfo reka nuklea bɔmb ho nsɛm, na obiara rekyerɛ n’adwene, na ebinom nso rebɔ wɔn tirim ka sɛ, anhwɛ a da sei anaa da sei, ɔman bi bɛto nuklea bɔmb. Saa nsɛm yi a ebetumi akɔfa dadwen abɛto yɛn so no, ɛnsɛ sɛ yetie no bebree. Wei nkyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ yesisi yɛn aso na yɛka sɛ biribiara rentumi nsi. Mmom nea yɛpɛ sɛ yɛyɛ ne sɛ, nneɛma a yenni so tumi no, yebeyi yɛn adwene afi so. Anhwɛ koraa a, na ade a yesuro no ansi mpo.
Edu baabi a, yi w’adwene fi wiase nsɛmnsɛm so, na fa w’adwene si nneɛma pa a ɛrekɔ so wɔ w’abrabɔ mu no so.
Bible ma yenya awerɛhyem sɛ, sɛnea ɛte biara, daakye nneɛma bɛyɛ yiye
Nneɛma a Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛyɛ ama yɛn daakye no, sɛ wusua ho ade pii a, ɛbɛma woanya anidaso, anigye, ne akomatɔyam.
Armagedon a Bible ahyɛ ho nkɔm no, ɛyɛ nuklea ko anaa?
Ebinom susuw sɛ, Armagedon yɛ nuklea ko a ɛbɛkɔ so wɔ wiase nyinaa. Enti wɔn adwene yɛ wɔn sɛ, sɛ esi a, ɛbɛyam biribiara wɔ wiase.
Nanso Bible kyerɛ sɛ, “Armagedon” yɛ ɔko a ɛbɛkɔ so wɔ “asaase nyinaa so ahemfo,” anaa nnipa aban, ne Onyankopɔn ntam.a(Adiyisɛm 16:14, 16) Armagedon nte sɛ nuklea ko. Nuklea ko de, ekunkum obiara kɛkɛ, na ebetumi nso asɛe asaase. Nanso Armagedon ko no mu de, abɔnefo nko ara na Onyankopɔn bɛsɛe wɔn. Ɛno bɛma asomdwoe ne ahotɔ amapa aba wiase.—Dwom 37:9, 10; Yesaia 32:17, 18; Mateo 6:10.
Wohwɛ Bible mu a, dɛn na ɛbɛma ɔko nyinaa agyae?
Wiase aman a wɔreko no, Yehowab Nyankopɔn bɛkyerɛ sɛ ɔwɔ wɔn so tumi. Ɔbɛma wɔagyae ko, na wasɛe wɔn akode nyinaa. Ɔnam n’Ahenni no so na ɛbɛyɛ. Saa Ahenni no, ɛyɛ aban a ɛwɔ soro, na ɛrenkyɛ biara, ebedi asaase nyinaa so.—Daniel 2:44.
Onyankopɔn Ahenni no bɛkyerɛ nnipa nyinaa sɛnea wɔde asomdwoe ne baakoyɛ bɛtena. Afei nso, ɛno nko ara ne aban a ɛbɛwɔ wiase; ebedi asaase nyinaa so, enti mente-me-ho-ase a ɛwɔ wiase aman ntam nnɛ no, ɛno nso befi hɔ koraa. Nnipa rensua akodi mpo bio! (Mika 4:1-3) Ɛba saa a, wiase bɛyɛ sɛn? Bible ka sɛ: “Wɔn mu biara bɛtena ne bobe ne ne borɔdɔma dua ase, na obiara renhunahuna wɔn.”—Mika 4:4.
a Kenkan asɛm a yɛato din “Dɛn Ne Armagedon Ko No?”
b Yehowa yɛ Onyankopɔn din. (Dwom 83:18) Kenkan asɛm a yɛato din “Hena Ne Yehowa?”