Masada—So Na Ɛyɛ Adanse A Ɛkyerɛ Sɛ Mesia No Aba?
MOGYAHWIEGU wɔ ɔsom din mu yɛ ɔhaw a ɛba daa wɔ abakɔsɛm mu. Ná Masada ka ho, efisɛ na wɔn a wɔbɔ ho ban no wɔ ɔsom mu nkanyan a emu yɛ den. Sɛ wokɔhwɛ faako a wɔatutu wɔ Masada no a, wubehu hyiadan a na mmarima a wɔde asekantia di ako no hyia wɔ mu ma ɔsom ne amanne kwan so aguare a na wɔde hohoro wɔn ho ɔsom mu no mmubui.
Wɔahu Bible no afã bi nso wɔ Masada. Ebia wubesusuw sɛ, sɛ wɔde Bible mu nkrasɛm a na mmarima a wɔde asekantia di ako no wɔ no toto nea yɛkenkan wɔ Bible mu nnɛ no ho a, na ɛte dɛn? Ɔbenfo Yigael Yadin kyerɛw nea ɛte sɛɛ a odii kan hui ho asɛm wɔ ne nhoma Masada no mu sɛ:
“Emu a yɛhwehwɛe ntɛm ara wɔ beae hɔ no ma yehui sɛ na eyi yɛ Nnwom Nhoma no fã bi, na yetumi huu ti ahorow no: na ɔfã no fi Dwom 81 kosi Dwom 85. . . . Yetumi kyerɛɛ mfe a adi a na akyinnye biara nni ho. Ná ɛrentumi mma sɛ wɔkyerɛw no afe 73 Y.B. akyi, a ɛne afe a Masada hwee ase no. . . . Ɛkame ayɛ sɛ Nnwom Nhoma no fã yi, te sɛ Bible nhoma mmobɔe afoforo a yehui akyiri no, ne Bible nhoma ahorow a yɛde di dwuma nnɛ no mu nsɛm . . . no sɛ yiye.”
Ɛda adi sɛ na mmarima a wɔde asekantia di ako no gye di sɛ Hebri Kyerɛwnsɛm no Ɔsoro Ɔkyerɛwfo no behyira wɔn basabasayɛ a wɔde tia Roma no so. Te sɛ nea The Universal Jewish Encyclopedia no kyerɛkyerɛ mu no: “Nea ɛhyɛɛ Yudafo no mmɔdenbɔ nkate wɔ Ɔko Kɛse a wɔde tia Roma (66-73 Y.B.) no mu den no ne wɔn gyidi a ɛne sɛ Mesia bere no abɛn no. Asɔrefi no a wɔhweree no maa Mesia no mmae ho akwanhwɛ no yɛɛ kɛse kɛkɛ.”
Mesia no Mmae
The Encyclopedia of Religion kyerɛ sɛ: “Ná Yudafo a wɔn ani gye Mesia no ho no taa de wɔn mmerebu no gyina Daniel Nhoma no so.” Ampa, Hebrini odiyifo Daniel kaa “Obirɛmpɔn a Wɔasra no” no mmae ho asɛm siei. (Daniel 9:25) Nsɛm afoforo abien mu no, Daniel kae sɛ Mesia no bɛyɛ wiase Sodifo ne sɛ N’Ahenni bɛsɛe nnipa nniso a ɛsɔre tia no nyinaa.—Daniel 2:44; 7:13, 14.
Afeha a edi kan Yudafo ɔman anidanfo no tee nka sɛ bere adu sɛ nkɔmhyɛ anisoadehu ahorow yi nya ne mmamu. Josephus kyerɛ sɛ: “Nea na ɛsen biara a ɛkanyan wɔn ma wɔkoe no ne [gyidi a ɛne] sɛ saa bere no obi a ofi wɔn man mu bɛba abɛyɛ wiase sodifo.” Nanso Daniel ka siei sɛ ɛsɛ sɛ wodi kan ‘twa Mesia Obirɛmpɔn no fi hɔ’ ne sɛ ne wu akyi no ‘obirɛmpɔn a ɔbɛba’ bɛsɛe Yerusalem ne n’asɔrefi no pasaa.—Daniel 9:25, 26.
Yudafo Adwene wɔ Amanaman Mufo Nniso Ho
Ná wɔakyɛ afeha a edi kan Yudea mu abien ayɛ no adefo kakraa bi ne ahiafo pii. Yudafo adefo binom, titiriw wɔ Sadukifo ne Farisifo no mu, ani gyee tumi a Roma ma wonyae wɔ asase no so no ho, na wobuu mpapahwekwa no animtiaa. Enti, wɔsɔre tiaa ɔman anidan ho nsusuwii biara, na na wɔhwehwɛ wɔne Roma ntam asomdwoe mmom.—Luka 16:14; 19:45, 46; Yohane 2:14; 7:47-49; 11:47, 48.
Ɔkwan foforo so no, Yudafo mpapahwekwa no huu amane wɔ Romafo towtua ne wɔn ankasa ɔmanfo atirimɔdenfo no adesoa ase. Wɔannya awerɛkyekye biara sɛ wɔwɔ nea na wɔfrɛ no Pax Romana (Roma Asomdwoe) no ase na mmom na wɔpɛ nsakrae. Nea wɔn ani gye ho ho ntawntawdi yi de ɔman mu basabasayɛ a na emu yɛ den bae. Josephus kyerɛwee sɛ: “Ná kuw biako awe ahinam so sɛ wobedi tumi, na na foforo no nso awe ahinam so sɛ wɔbɛyɛ basabasa na wɔafow adefo no nneɛma.”
Sɛ nhwɛso no, mmarima a wɔde asekantia di ako no fow wɔn mfɛfo Yudafo nneɛma, na wokunkum wɔn na wɔkae sɛ amumɔyɛsɛm yi yɛ asotwe a ɛfata a ɛba Yudafo a wɔkyerɛ sɛ wɔne Roma ayɛ biako no so. Afeha a ɛto so abien mu rabi, Johanan ben Torta kyerɛe sɛ eyi nti na amanehunu baa afeha a edi kan Yudafo no so: “Ná wɔdɔ sika na na wɔtan wɔn ho wɔn ho.”
Ɛnyɛ nwonwa sɛ Yudafo a wosuro Onyankopɔn ampa no pɛe sɛ Mesia a na wɔwɔ anidaso sɛ obetu Roma nniso na ɔde Onyankopɔn Ahenni a ɛteɛ asi hɔ no bɛba no. Nanso mmarima a wonni adwempa kyerɛɛ anidaso ahorow yi ase wɔ ɔkwan foforo so.
Atoro Mesia Ahorow
Bɛyɛ afe 33 Y.B. mu no, Yudani ɔpanyin bi a wɔfrɛ no Gemaliel kaee ne mfɛfo sodifo a na wɔwɔ Yerusalem no sɛ: “Ɛnkyɛe na . . . Galileani Yuda sɔree wɔ ɔkan nna no mu, na ɔtwee nkurɔfo bebree dii n’akyi; na ɔno nso sɛee, na wɔn a wotiee no nyinaa bɔ petee.”—Asomafo no Nnwuma 5:36, 37.
Wɔyɛɛ “ɔkan” a ɛde Yuda basabasayɛ no bae no wɔ 6 Y.B. mu a na atirimpɔw no ne sɛ wɔde begyigye tow ama Roma. Josephus ka kyerɛ yɛn sɛ Yuda paee mu kae sɛ sɛ Yudafo “tua tow ma Romafo a, na wɔyɛ ahufo.” Edin Yuda no kyerɛ sɛ na ofi Yuda abusua a na wɔhwɛ kwan sɛ Mesia no befi mu aba no mu. (Genesis 49:10) Na McClintock ne Strong Cyclopœdia no kyerɛ sɛ: “N’anotew kɛse ne sɛnea na ne nkyerɛkyerɛ no agye din no twee nnipa pii dii n’akyi, a na wɔn mu pii bu no sɛ ɔne Mesia no.”
Hyɛ no nsow sɛ Asomafo no Nnwuma 5:37 bɔ amanneɛ sɛ Yuda akyidifo no ansɛe anka ne ho. Sɛnea Yudani Nhomanimfo Gaalya Cornfeld kyerɛ no, ne kuw no “ase timii na na wɔwɔ Mesia ho anidaso ahorow.” Nokwarem no, na mmarima a wɔde asekantia di ako no akannifo baanu, Menabem ne Eleazar yɛ saa Galileani Yuda no asefo. Yudafo atuatew wɔ 66 Y.B. mu no mfiase no, Menahem de akode a na wɔde asie Masada no bi maa n’akyidifo. Afei, “ɔsan kɔɔ Yerusalem te sɛ ɔhene” na “ɔbɛyɛɛ ɔman anidan no ɔkannifo.” Encyclopaedia Judaica de ka ho sɛ: “Ɛreyɛ ayɛ sɛ nea na wobu Menahem Yuda [ba] sɛ Mesia.”
Nanso, saa afe no ara mu no, Yudafo ɔman anidan kuw foforo mufo kum Menahem. N’akyidifo no san guan kɔɔ Masada, faako a Eleazar dii mmarima a wɔde asekantia di ako no anim kosii 73 Y.B. mu. Eleazar ahokum kasa no da ne nena Yuda nkyerɛkyerɛ a na mfomso wom no adi: “Me mfɛfo akokodurufo, bere tenten ni a yɛasi yɛn bo sɛ yɛrensom Romafo anaasɛ obi foforo biara gye Onyankopɔn nkutoo.”
Afã Biara a na Yudafo Kristofo Nni
Ansa na Yudafo atuatew no reba wɔ 66 Y.B. mu no, na wɔatew Kristofo asafo ahorow wɔ Yudea, a nokwarem no, na Yerusalem asafo no ka ho. (Asomafo no Nnwuma 9:31) Ná wɔn a wɔwɔ mu ne Yudafo a na wogye di sɛ Nasareni Yesu ne Mesia a wɔkaa ne wu ne ne wusɔre ho asɛm siei no. (Asomafo no Nnwuma 2:22-36) Yudafo Kristofo no de nsiyɛ trɛw wɔn gyidi ahorow no mu, bere a na wɔde asomdwoe retwɛn Mesia no mmae a ɛto so abien sɛ wiase sodifo no. Ná Yesu ada no adi sɛ ɔbɛsan aba ‘bere tenten bi akyi.’—Mateo 25:19, 31; 28:19, 20; Asomafo no Nnwuma 1:8-11.
Nanso bere a Yudafo no atuatew no pae gui wɔ 66 Y.B. mu no, dɛn na ɛbɔɔ Yudafo Kristofo yi ho ban na nkonim a edi kan a edii no annaadaa wɔn? Akyinnye biara nni ho sɛ wɔkaee wɔn Wura no kɔkɔbɔ no: “Wɔn a wɔtwe nkrante nyinaa, nkrante ano na wobewu.” (Mateo 26:52) Ná Yesu ama wɔn adwene a ɛkari pɛ wɔ Amanaman mufo nniso tumi horow no ho nso. Ɔkae sɛ: “Momfa Kaesare de mma Kaesare, na momfa Onyankopɔn de mma Onyankopɔn!” (Marko 12:17) Bio nso, na Yesu aka asie sɛ wɔn a wɔbɛyeyɛ wɔn ho sɛ Mesia bɛba, na wɔbɛka sɛ, “Me ne no,” ne “ɛbere no abɛn,” nanso ɔbɔɔ kɔkɔ sɛ: “Munnni wɔn akyi!”—Luka 21:8.
Ná Yesu ahyɛ nea ebefi wɔn atuatew no mu aba no mpo ho nkɔm, na ɔkae sɛ: “Sɛ muhu sɛ dɔm atwa Yerusalem ho ahyia a, ɛnde munhu sɛ ne bɔ abɛn. Ɛna momma wɔn a wɔwɔ Yudea nguan nkɔ mmepɔw so, na wɔn a wɔwɔ [Yerusalem] mfi mu nkɔ, na wɔn a wɔwɔ nkuraa ase no, mommma wɔnnkɔ mu, . . . na ahohia kɛse bɛba asase no so, na abufuw bɛda ɔman yi so. Na wɔbɛtotɔ nkrante ano na wɔafa wɔn nnommum akɔ amanaman nyinaa so.”—Luka 21:20-24.
Ná ɔsɛe kɛse a edii Yudafo atuatew no akyi bae no yɛ Yesu nkɔmhyɛ no mmamu a ɛyɛ nwonwa! Nanso Yudafo Kristofo fii mu denam osetie a ‘wɔde man kɔɔ mmepɔw so’ no so. Encyclopaedia Judaica kyerɛ sɛ: “Ansa na Tito rebɛka Yerusalem ahyem [wɔ 70 Y.B. mu] no, Kristofo a wɔte mu no tu kɔɔ Pella.” Nea ɛyɛ anigye no, na Pella yɛ mmepɔw akuw bi a ɛwɔ Yordan Asubɔnten no agya ma enti na Yordan Bon no atew no afi Yudea ho koraa. G. A. Williamson ka wɔ ne nnianim nsɛm a ɛwɔ Josephus—The Jewish War nhoma no mu no mu sɛ: “Sɛ wɔkyerɛw [Yesu] nkɔmhyɛ yi bere a asɛm no sii no akyi a, anka ɛyɛ den sɛ yɛbɛkyerɛ saa aguan yi ase.”
Ampa ara, Yudafo Kristofo aguan a etumi yɛɛ yiye yi yɛ adanse a tumi wom a ɛkyerɛ sɛ na wodi nokware Mesia no akyi. Eyi ma nsemmisa ahorow a ɛho hia sɔre. Ná dɛn ne Mesia no mmae a edi kan no atirimpɔw? Na kɔkɔbɔ bɛn na Yudafo atuatew a ɛde ɔsɛe bae no de ma yɛn nnɛ, titiriw adesamma mufo a wɔfrɛ wɔn “Kristofo” no? Wɔbɛka nsemmisa yi ho asɛm bio wɔ nsɛmma nhoma yi mu.