42 Sɛ me papa ne Abraham Nyankopɔn,+ nea Isak suro no+ no, nni m’akyi a, anka nsapan na wode begya me kwan. Nanso Onyankopɔn ahu m’ahohia ne me brɛ, enti na ɔkaa w’anim nnɛra anadwo no.”+
7 Yehowa de kaa ho sɛ: “Nokwarem no mahu me nkurɔfo a wɔwɔ Egypt no amanehunu, na mate apini a wosi bere a wɔhyɛ wɔn de wɔn yɛ adwuma no. Minim wɔn brɛ nyinaa.+