2 Beresosɛm 26:16 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 16 Nanso ɔyɛɛ den ara pɛ, ne koma maa ne ho so+ de no kɔɔ ɔsɛe mu;+ wanni Yehowa ne Nyankopɔn nokware, na ɔkɔɔ Yehowa asɔrefie hɔ sɛ ɔrekɔhyew aduhuam wɔ aduhuam afɔremuka no so.+ Mmebusɛm 16:18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 18 Ahantan di ɔsɛe anim,+ na ahomaso honhom di asehwe anim.+ Habakuk 2:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 “Hwɛ, onipa a ne kra ahoman;+ ɛnteɛ wɔ ne mu. Na ɔtreneeni de, ne gyidi na ebegye no nkwa.+ Galatifo 6:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Na sɛ obi bu ne ho sɛ ɔyɛ obi na ɔnyɛ hwee+ a, na ɔredaadaa ne ho. Yakobo 4:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Nanso adom a ɔde ma no dɔɔso.+ Enti ɛka sɛ: “Onyankopɔn siw ahantanfo kwan,+ na ɔdom ahobrɛasefo.”+
16 Nanso ɔyɛɛ den ara pɛ, ne koma maa ne ho so+ de no kɔɔ ɔsɛe mu;+ wanni Yehowa ne Nyankopɔn nokware, na ɔkɔɔ Yehowa asɔrefie hɔ sɛ ɔrekɔhyew aduhuam wɔ aduhuam afɔremuka no so.+
6 Nanso adom a ɔde ma no dɔɔso.+ Enti ɛka sɛ: “Onyankopɔn siw ahantanfo kwan,+ na ɔdom ahobrɛasefo.”+