45 “Na nnome+ yi nyinaa betiw wo abɛto wo akosi sɛ w’ase bɛhyew,+ efisɛ woantie Yehowa wo Nyankopɔn asɛm anni n’ahyɛde ne ne mmara a ɔde ama wo yi so.+
14 Ɛnna Yuda hene Hesekia soma kɔɔ Asiria hene nkyɛn wɔ Lakis sɛ: “Mayɛ bɔne. San fi me so, na nea wode bɛto me so biara, metua.”+ Enti Asiria hene kae sɛ Yuda hene Hesekia ntua dwetɛ dwetikɛse+ ahasa ne sika dwetikɛse aduasa.
24 Na yɛrema moahu sɛ asɔfo+ ne Lewifo,+ nnwontofo,+ apon ano ahwɛfo,+ Netinimfo,+ ne Onyankopɔn fie yi adwumayɛfo nyinaa, munni ho kwan sɛ mugye wɔn hɔ tow, amanne,+ anaa akwan so tow+ biara.