2 na Dawid ka kyerɛɛ Israel asafo no nyinaa sɛ: “Sɛ eye mo ani so na ɛteɛ Yehowa yɛn Nyankopɔn anim a, momma yɛnsoma nkɔ yɛn nuanom nkae a wɔwɔ Israel+ asase so nyinaa, ne asɔfo+ ne Lewifo+ a wɔwɔ wɔn nkurow+ mu ne ɛho mfikyisase so no nkyɛn sɛ wɔmmoaboa wɔn ano mmra yɛn nkyɛn,