20 Sɛnea ɔyɛɛ nantwinini biako a ɔde bɔɔ bɔne ho afɔre no, saa ara na ɔnyɛ nantwinini yi nso. Saa kwan no ara so na ɔmfa. Ɔsɔfo no mpata+ mma wɔn, na wɔde befiri wɔn.
11 Na ɔhonam biara kra wɔ mogya mu,+ na afɔremuka no so na mede ama mo sɛ momfa mpata+ mma mo kra, na mogya+ na wɔde pata+ ma bɔne, efisɛ emu na ɔkra no wɔ.
25 Afei ɔsɔfo no mpata+ mma Israel asafo no nyinaa, na wɔde wɔn bɔne befiri wɔn, efisɛ wɔanhyɛ da na wɔyɛe,+ na wɔde wɔn ayɛyɛde nso aba sɛ wɔmfa mmɔ ogya afɔre mma Yehowa, na wɔmmɔ wɔn bɔne ho afɔre mma wɔn wɔ Yehowa anim.