Mmebusɛm 14:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 Onitefo nyansa ne sɛ obehu n’akwan mu yiye,+ na nkwasea agyimisɛm yɛ nnaadaa.+ Ɔsɛnkafo 7:19 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 19 Nyansa ma onyansafo nya ahoɔden sen kurow mu atumfoɔ du.+ Ɔsɛnkafo 9:18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 18 Nyansa ye sen akode, na ɔdebɔneyɛfo biako pɛ betumi asɛe adepa bebree.+