15 “Sɛ Israelfo retu a, Aaron ne ne mma bɛkata kronkronbea+ no ne ɛho nneɛma nyinaa+ ho ansa na Kohat asefo no abɛsoa.+ Ɛnsɛ sɛ wɔde wɔn nsa ka+ kronkronbea no na wɔanwu. Ahyiae ntamadan no mu nneɛma yi na Kohat asefo no bɛsoa.+
8 “Saa bere no Yehowa yii Lewi abusuakuw+ no sɛ wɔnsoa Yehowa apam adaka no+ na wonnyina Yehowa anim nsom no+ na wɔmfa ne din nhyira nnipa+ de besi nnɛ.