23 W’atumfoɔ asen wɔn kɔn na wɔne akorɔmfo na ɛbɔ.+ Wɔn mu biara dɔ adanmude,+ na wotiw akyɛde.+ Wonni agyanka asɛm mma no, na akunafo asɛm nnu wɔn anim.+
3 Wɔn nsa gu bɔne so pɛ sɛ wɔyɛ no frenkyemm.+ Mpanyimfo bisa ade, na atemmufo gye akatua na wɔabu atɛn,+ na atitiriw ka nea wɔn kra kɔn dɔ.+ Enti wɔka wɔn ti pam ho bɔ pɔw.
7 Na ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo yɛ obi a asɛm biara nni ne ho+ sɛ Onyankopɔn fiehwɛfo,+ onni ne koko so asɛm,+ ne bo mfuw ntɛmntɛm,+ ɔnyɛ ɔkɔwensani tutupɛfo,+ ɔnyɛ pupopupo,+ ɔnyɛ odifudepɛfo opoobɔfo,+