Numeri 20:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 Yɛsrɛ wo ma yentwam mfa w’asase so. Yɛremfa afuw anaa bobeturo biara mu, na yɛrennom abura biara mu nsu. Yɛbɛfa ɔhene tempɔn so,+ na yɛremman nifa anaa benkum+ kosi sɛ yebetwam afi w’asase so.’” Numeri 20:21 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 21 Enti Edom amma Israel amfa n’asase so,+ na Israel dan fii ne ho kɔe.+ Deuteronomium 2:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Monhwɛ na mo ne wɔn anni aperepere, na meremma mo wɔn asase no anammɔn biako mpo, efisɛ mede Bepɔw Seir ama Esau sɛ ɔntena so.+ Deuteronomium 2:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Nhunahuna Moab na wo ne wɔn nnko, na meremma wo wɔn asase no bi ntena so, efisɛ mede Ar+ ama Lot mma+ sɛ wɔntena so. Deuteronomium 2:19 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 19 Na sɛ wobɛn Ammonfo a, nhunahuna wɔn na wo ne wɔn nnni aperepere, na meremma wo Ammonfo asase no bi ntena so, efisɛ mede ama Lot mma sɛ wɔntena so.+ Atemmufo 11:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yefta se yɛnka nkyerɛ wo sɛ, ‘Israel amfa Moab+ ne Ammonfo+ asase biara.
17 Yɛsrɛ wo ma yentwam mfa w’asase so. Yɛremfa afuw anaa bobeturo biara mu, na yɛrennom abura biara mu nsu. Yɛbɛfa ɔhene tempɔn so,+ na yɛremman nifa anaa benkum+ kosi sɛ yebetwam afi w’asase so.’”
5 Monhwɛ na mo ne wɔn anni aperepere, na meremma mo wɔn asase no anammɔn biako mpo, efisɛ mede Bepɔw Seir ama Esau sɛ ɔntena so.+
9 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Nhunahuna Moab na wo ne wɔn nnko, na meremma wo wɔn asase no bi ntena so, efisɛ mede Ar+ ama Lot mma+ sɛ wɔntena so.
19 Na sɛ wobɛn Ammonfo a, nhunahuna wɔn na wo ne wɔn nnni aperepere, na meremma wo Ammonfo asase no bi ntena so, efisɛ mede ama Lot mma sɛ wɔntena so.+