Exodus 14:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Ɛnna Mose ka kyerɛɛ nkurɔfo no sɛ: “Munnsuro.+ Munnyina pintinn na monhwɛ sɛnea Yehowa begye mo nkwa nnɛ.+ Na Egyptfo a muhu wɔn nnɛ yi, morenhu wɔn bio da.+ Exodus 15:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Yah ne m’ahoɔden ne me tumi,+ ɔne me nkwagye.+Me Nyankopɔn ni, meyi no ayɛ;+ Onyankopɔn a me papa som no ni,+ mɛma no so.+ 1 Samuel 2:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Ɛnna Hanah bɔɔ mpae+ sɛ:“Me koma di Yehowa mu ahurusi,+Yehowa mu na wɔama m’abɛn so.+M’anom atrɛw m’atamfo so,Na wo nkwagye mu na midi ahurusi.+ 1 Samuel 11:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Nanso Saul kae sɛ: “Munnkum obiara saa da yi,+ efisɛ ɛnnɛ, Yehowa agye nkwa wɔ Israel.”+ 1 Beresosɛm 16:23 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 23 Monto dwom mma Yehowa, asase sofo nyinaa!+Monka ne nkwagye ho asɛm da biara!+
13 Ɛnna Mose ka kyerɛɛ nkurɔfo no sɛ: “Munnsuro.+ Munnyina pintinn na monhwɛ sɛnea Yehowa begye mo nkwa nnɛ.+ Na Egyptfo a muhu wɔn nnɛ yi, morenhu wɔn bio da.+
2 Yah ne m’ahoɔden ne me tumi,+ ɔne me nkwagye.+Me Nyankopɔn ni, meyi no ayɛ;+ Onyankopɔn a me papa som no ni,+ mɛma no so.+
2 Ɛnna Hanah bɔɔ mpae+ sɛ:“Me koma di Yehowa mu ahurusi,+Yehowa mu na wɔama m’abɛn so.+M’anom atrɛw m’atamfo so,Na wo nkwagye mu na midi ahurusi.+