5 Na Dawid ne Israel fie nyinaa de nnwonto nneɛma a wɔde ɔpopaw nnua ayɛ nyinaa bi ne asankuten ne asanku+ ne mpintin+ ne nnɔnnɔmma ne nnawuta+ dii ahurusi Yehowa anim.
12 Na ɔhene de algum nnua yɛɛ ɔdan nnyinaso wɔ Yehowa fie+ ne ahemfie, na ɔde bi nso yɛɛ asanku+ ne asankuten+ maa nnwontofo no. Ɛde besi nnɛ no, algum nnua a ɛte saa bi mmae da, na wonhuu ɛso bi bio.