2 Beresosɛm 22:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 Ɛbae sɛ bere a Yehu de n’ani sii Ahab fie+ so no, ɛhɔ ara na ɔkɔkyeree Yuda mmapɔmma ne Ahasia+ nuanom mma a wɔsom Ahasia no, na okunkum wɔn.+ Yesaia 10:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 “Hwɛ, Asiria+ yɛ m’abufuw abaa,+ na m’atemmu poma hyɛ wɔn nsam! Habakuk 1:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 O Yehowa, wunni hɔ fi tete anaa?+ Me Nyankopɔn, me Kronkronni, wunwu.+ O Yehowa, wode asi hɔ ama atemmu; Ɔbotan,+ wode atim hɔ ama ntɛnyi.+
8 Ɛbae sɛ bere a Yehu de n’ani sii Ahab fie+ so no, ɛhɔ ara na ɔkɔkyeree Yuda mmapɔmma ne Ahasia+ nuanom mma a wɔsom Ahasia no, na okunkum wɔn.+
12 O Yehowa, wunni hɔ fi tete anaa?+ Me Nyankopɔn, me Kronkronni, wunwu.+ O Yehowa, wode asi hɔ ama atemmu; Ɔbotan,+ wode atim hɔ ama ntɛnyi.+