Deuteronomium 32:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Ɔbotan no, n’adeyɛ yɛ pɛ,+N’akwan nyinaa teɛ.+ Ɔyɛ Onyankopɔn nokwafo+ a nkontomposɛm biara nni n’akwan mu,+Ɔtreneeni a obu atɛntrenee.+ 1 Samuel 2:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Obiara nni hɔ a ɔyɛ kronkron sɛ Yehowa, obiara nni hɔ sɛ wo;+Ɔbotan bi nni hɔ sɛ yɛn Nyankopɔn.+ Dwom 18:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Yehowa ne me botan ne m’abannennen, ne me Gyefo.+Me Nyankopɔn yɛ me botan. Ɔno na miguan metoa no,+Me kyɛm ne me nkwagye abɛn, m’abantenten.+
4 Ɔbotan no, n’adeyɛ yɛ pɛ,+N’akwan nyinaa teɛ.+ Ɔyɛ Onyankopɔn nokwafo+ a nkontomposɛm biara nni n’akwan mu,+Ɔtreneeni a obu atɛntrenee.+
2 Yehowa ne me botan ne m’abannennen, ne me Gyefo.+Me Nyankopɔn yɛ me botan. Ɔno na miguan metoa no,+Me kyɛm ne me nkwagye abɛn, m’abantenten.+