Deuteronomium 7:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Wunim sɛ Yehowa wo Nyankopɔn yɛ nokware Nyankopɔn.+ Ɔno ne Onyankopɔn nokwafo+ a odi n’apam so,+ na wɔn a wɔdɔ no na wodi ne mmara so no, oyi n’adɔe adi kyerɛ wɔn kosi awo ntoatoaso apem so.+ Nehemia 9:33 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 33 Woteɛ+ wɔ nea aba yɛn so nyinaa mu, efisɛ woadi nokware+ wɔ nea woayɛ mu, na yɛn na yɛayɛ bɔne.+ Dwom 98:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Wakae n’adɔe ne ne nokwaredi ama Israel fie.+Asase ano nyinaa ahu yɛn Nyankopɔn nkwagye.+ Hebrifo 10:23 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 23 Momma yenso anidaso+ ho mpaemuka no mu pintinn a yenhinhim,+ efisɛ nea ɔhyɛɛ bɔ no yɛ ɔnokwafo.+ 1 Petro 4:19 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 19 Enti wɔn a wohu amane sɛnea Onyankopɔn pɛ te no nso mfa wɔn kra nhyɛ Ɔbɔadeɛ nokwafo no nsa bere a wɔreyɛ papa no.+
9 Wunim sɛ Yehowa wo Nyankopɔn yɛ nokware Nyankopɔn.+ Ɔno ne Onyankopɔn nokwafo+ a odi n’apam so,+ na wɔn a wɔdɔ no na wodi ne mmara so no, oyi n’adɔe adi kyerɛ wɔn kosi awo ntoatoaso apem so.+
19 Enti wɔn a wohu amane sɛnea Onyankopɔn pɛ te no nso mfa wɔn kra nhyɛ Ɔbɔadeɛ nokwafo no nsa bere a wɔreyɛ papa no.+