51 Wowiee+ Yehowa fie adwuma a Solomon yɛe no nyinaa, na Solomon de nneɛma a ne papa Dawid yɛɛ no kronkron no bae;+ ɔde sika ne dwetɛ ne anwenne no nyinaa beguu Yehowa fie adekora adan no mu.+
18 Ɛnna Asa faa Yehowa fie ne ahemfie akorade mu dwetɛ ne sika a aka nyinaa de hyɛɛ n’asomfo nsam, na Ɔhene Asa somaa wɔn kɔɔ Tabrimon ba Hesion ba, Siria hene+ Ben-Hadad+ a ɔte Damasko+ no nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ:
9 Enti Egypt hene Sisak+ baa Yerusalem so, na ɔfaa Yehowa fie akorade+ ne ahemfie hɔ akorade+ no. Ɔfaa biribiara; ɔfaa sika akyɛm a Solomon yɛe no+ nso.