6 Ɛnna Netanel ba Semaia, Lewifo kyerɛwfo+ no, kyerɛw ne nyinaa too hɔ, ɔhene ne mmapɔmma no ne ɔsɔfo Sadok+ ne Abiatar+ ba Ahimelek+ ne asɔfo ne Lewifo+ agyanom mpanyimfo anim; sɛ woyi Eleasar+ asefo abusuafie biako a, na wɔayi Itamar+ asefo abusuafie nso biako.