2 Samuel 6:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 Akyiri yi, wɔbɛbɔɔ Ɔhene Dawid amanneɛ sɛ: “Nokware Nyankopɔn adaka no nti, Yehowa ahyira Obed-Edom fie ne nea ɔwɔ nyinaa.” Ɛnna Dawid kɔfaa nokware Nyankopɔn adaka no fii Obed-Edom fie ahurusi mu sɛ ɔde rekɔ Dawid Kurow mu.+ 2 Beresosɛm 1:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Nokware Nyankopɔn adaka+ no de, na Dawid akɔfa afi Kiriat-Yearim+ aba faako a Dawid siesie maa no+ no, efisɛ na wasi ntamadan ama no wɔ Yerusalem.+
12 Akyiri yi, wɔbɛbɔɔ Ɔhene Dawid amanneɛ sɛ: “Nokware Nyankopɔn adaka no nti, Yehowa ahyira Obed-Edom fie ne nea ɔwɔ nyinaa.” Ɛnna Dawid kɔfaa nokware Nyankopɔn adaka no fii Obed-Edom fie ahurusi mu sɛ ɔde rekɔ Dawid Kurow mu.+
4 Nokware Nyankopɔn adaka+ no de, na Dawid akɔfa afi Kiriat-Yearim+ aba faako a Dawid siesie maa no+ no, efisɛ na wasi ntamadan ama no wɔ Yerusalem.+