Mmebusɛm 8:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Yehowa suro ne bɔne tan.+ Ahomaso ne ahantan+ ne ɔkwammɔne ne nkontompo ano+ de, mikyi. Mmebusɛm 16:18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 18 Ahantan di ɔsɛe anim,+ na ahomaso honhom di asehwe anim.+ Mmebusɛm 29:23 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 23 Ɔdesani ahantan na ɛbɛbrɛ no ase,+ na nea ne honhom dwo no benya anuonyam.+ Galatifo 6:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Na sɛ obi bu ne ho sɛ ɔyɛ obi na ɔnyɛ hwee+ a, na ɔredaadaa ne ho. 1 Petro 5:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Saa ara na mo mmerante nso, mommrɛ mo ho ase+ nhyɛ mpanyimfo ase. Na mo nyinaa momfa ahobrɛase adwene mmɔ mo asen mfa nsonsom mo ho,+ efisɛ Onyankopɔn ne ahantanfo di asi, nanso ɔdom ahobrɛasefo.+
5 Saa ara na mo mmerante nso, mommrɛ mo ho ase+ nhyɛ mpanyimfo ase. Na mo nyinaa momfa ahobrɛase adwene mmɔ mo asen mfa nsonsom mo ho,+ efisɛ Onyankopɔn ne ahantanfo di asi, nanso ɔdom ahobrɛasefo.+