10 Na Ɔhene Ahas+ siim kohyiaa Asiria hene Tiglat-Pilesa+ wɔ Damasko, na okohuu afɔremuka+ a ɛwɔ Damasko no. Enti Ɔhene Ahas soma ma wɔde afɔremuka no nsusuwso ne ne yɛbea nyinaa kɔmaa ɔsɔfo Uriya.+
4 Bio nso, ɔhwɛ ma wobubuu Baal+ afɔremuka+ no, na aduhuam ade+ a ɛwowɔ soro no, otwitwae, na abosonnua+ ne ahoni a wɔasen+ ne dade ahoni no, ɔyam no dukuduku+ de petepetee wɔn a na wɔbɔ afɔre wɔ so no adamoa so.+