16 efisɛ moabu Yehowa mo Nyankopɔn apam a ɔde ama mo no so, na moakɔsom anyame foforo akɔkotow wɔn.+ Na Yehowa abufuw bɛdɛw ahyɛ mo,+ na ɛrenni da bi na mo ase ahyew koraa afi asase pa a ɔde ama mo yi so.”+
12 Ɛno nti na Yehowa, Israel, Nyankopɔn aka sɛ, ‘Hwɛ, mede mmusu reba Yerusalem+ ne Yuda so, na obiara a ɔbɛte no, n’aso abien nyinaa mu bɛyɛ no yɔnn.+