27 Na Manase+ amfa Bet-Sean+ ne Taanak+ ne ɛho nkurow, ne Dorfo+ ne Yibleamfo+ ne Megidofo+ ne nkurow a atwa wɔn ho ahyia no. Kanaanfo no kɔɔ so tenaa asase yi so.+
12 Ahilud ba Baana, onyaa Taanak+ ne Megido+ ne Bet-Sean+ nyinaa, baabi a ɛbɛn Saretan+ a ɛwɔ Yesreel+ ase no, efi Bet-Sean kosi Abel-Mehola+ kosi Yokmeam+ mpɔtam;
27 Yuda hene Ahasia+ hui no, oguan faa turo fie+ kwan no so. (Akyiri yi Yehu tiw no, na ɔkae sɛ: “Ɔka ho! Mommɔ ɔno nso!” Enti wɔbɔɔ no piraa no bere a ɔte teaseɛnam mu rekɔ Gur a ɛbɛn Yibleam+ no. Ɔtoaa so ara koduu Megido,+ na owui wɔ hɔ.+
30 Enti ne nkoa de n’amu too teaseɛnam mu fi Megido kɔɔ Yerusalem,+ na wosiee no wɔ ne damoa mu. Ɛnna asase no sofo faa Yosia ba Yehoahas,+ na wɔsraa no sii no hene ma odii ne papa ade.