Dwom 146:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Ne honhom fi kɔ,+ na ɔsan kɔ ne dɔte mu;+Da no ara, ne nsusuwii yera.+ Ɔsɛnkafo 8:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 Ahuhude bi wɔ asase so; ɛne sɛ treneefo bi wɔ hɔ a nea ɛfata nnebɔneyɛfo nnwuma na ɛto wɔn,+ na nnebɔneyɛfo bi nso wɔ hɔ a, nea ɛfata treneefo nnwuma na ɛto wɔn.+ Mekae sɛ eyi nso yɛ ahuhude. Ɔsɛnkafo 9:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Biribiara a wo nsa bɛka sɛ wobɛyɛ no, fa w’ahoɔden nyinaa yɛ,+ efisɛ adwuma ne adwene ne nimdeɛ+ ne nyansa biara+ nni Adamoa*+ mu a worekɔ no.+
14 Ahuhude bi wɔ asase so; ɛne sɛ treneefo bi wɔ hɔ a nea ɛfata nnebɔneyɛfo nnwuma na ɛto wɔn,+ na nnebɔneyɛfo bi nso wɔ hɔ a, nea ɛfata treneefo nnwuma na ɛto wɔn.+ Mekae sɛ eyi nso yɛ ahuhude.
10 Biribiara a wo nsa bɛka sɛ wobɛyɛ no, fa w’ahoɔden nyinaa yɛ,+ efisɛ adwuma ne adwene ne nimdeɛ+ ne nyansa biara+ nni Adamoa*+ mu a worekɔ no.+