2 Ahene
14 Yehoahas ba, Israel hene Yehoas+ afe a ɛto so abien mu no, Yuda hene Yehoas ba Amasia+ bedii hene. 2 Obedii ade no na wadi mfe aduonu anum, na odii ade mfe aduonu akron wɔ Yerusalem. Ne maame din de Yehoadin+ a ofi Yerusalem. 3 Na ɔyɛɛ nea ɛteɛ Yehowa ani so,+ nanso wanto ne nana Dawid.+ Nea ne papa Yehoas yɛe no, ɛno ara bi na ɔno nso yɛe.+ 4 Sorɔnsorɔmmea no nko na amfi hɔ.+ Ɔman no kɔɔ so bɔɔ afɔre na wɔhyew aduhuam wɔ sorɔnsorɔmmea hɔ.+ 5 Bere a ahenni no yɛɛ den ne nsam ara pɛ na okunkum+ ne nkoa a wokum ne papa, ɔhene no.+ 6 Awudifo no mma de, wankum wɔn, na ɔyɛɛ nea wɔakyerɛw wɔ Mose mmara nhoma no mu sɛnea Yehowa hyɛe yi:+ “Munnkum agyanom nea wɔn mma ayɛ ho, na munnkum mma nea wɔn agyanom ayɛ ho; obiara bɔne na monhwɛ ho nkum no.”+ 7 Ɔno na okunkum Edomfo+ wɔ Nkyene Bon+ no mu, mmarima mpem du, na ogyee Sela wɔ ɔko no mu, na wɔbɛfrɛɛ hɔ Yokteel de besi nnɛ.
8 Saa bere no, Amasia tuu abɔfo kɔɔ Yehu ba Yehoahas ba, Israel hene Yehoas nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Bra ma yɛmfa mmɔ ani.”+ 9 Na Israel hene Yehoas nso soma kɔka kyerɛɛ Yuda hene Amasia sɛ: “Lebanon nsɔensɔe soma kɔka kyerɛɛ Lebanon kyeneduru+ sɛ, ‘Fa wo babea ma me babarima nware.’ Nanso, Lebanon wuram aboa bi a ɔretwam tiatiaa nsɔensɔe no so kum no.+ 10 Woaka Edom agu,+ enti wo koma ama ne ho so.+ Fa w’anuonyam+ na hwɛ so tena wo fie. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wudi aperepere+ bere a wunni ahoɔden,+ na wo ne Yuda nyinaa hwe ase?” 11 Nanso Amasia antie.+
Enti Israel hene Yehoas kɔe, na ɔne Yuda hene Amasia de kɔbɔɔ ani+ wɔ Bet-Semes,+ Yuda asase so. 12 Na Yuda dii nkogu wɔ Israel anim+ ma obiara guan kɔɔ ne ntamadan mu. 13 Na Yuda hene Amasia, Yehoas ba, Ahasia ba no de, Israel hene Yehoas kyeree no wɔ Bet-Semes, na ɔde no baa Yerusalem, na obebuu Yerusalem fasu no guu mu, efi Efraim Pon+ ano kosi Twea Pon+ no ano, basafa ahanan. 14 Ɔsesaw sika ne dwetɛ ne nneɛma a ɛwɔ Yehowa fie+ nyinaa ne ahemfie hɔ akorade, na ɔfaa ebinom nnommum kaa ho san kɔɔ Samaria.
15 Yehoas ho nsɛm a aka, nea ɔyɛe ne ne nnwuma akɛse ne sɛnea ɔne Yuda hene Amasia koe no, wɔakyerɛw ne nyinaa wɔ Israel ahene bere so nsɛm nhoma+ no mu. 16 Na Yehoas ne n’agyanom kɔdae,+ na wosiee no wɔ Samaria+ kaa Israel ahene ho, na ne ba Yeroboam*+ bedii n’ade.
17 Israel hene Yehoas,+ Yehoahas ba no wu akyi no, Yuda hene Amasia,+ Yehoas ba no, tenaa ase mfe dunum kaa ho.+ 18 Amasia ho nsɛm a aka no, wɔakyerɛw ne nyinaa wɔ Yuda ahene bere so nsɛm nhoma+ no mu.+ 19 Akyiri yi, wɔyɛɛ biako bɔɔ ne ho pɔw+ wɔ Yerusalem, enti oguan kɔɔ Lakis;+ nanso wɔsoma tiw no Lakis kokum no wɔ hɔ.+ 20 Enti wɔde no too apɔnkɔ so besiee+ no Yerusalem kaa n’agyanom ho wɔ Dawid Kurow+ mu. 21 Afei Yuda man no nyinaa faa Asaria+ a saa bere no na wadi mfe dunsia+ no, na wosii no hene ma odii ne papa Amasia+ ade. 22 Ɔno na ɔkyekyee Elat+ na ɔsan de maa Yuda bere a ɔhene no ne n’agyanom kɔdae no.
23 Yehoas ba, Yuda hene Amasia afe a ɛto so dunum mu no, Israel hene Yehoas ba Yeroboam+ bedii hene wɔ Samaria mfe aduanan biako. 24 Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne. Nebat ba Yeroboam bɔne a ɔyɛe a ɛmaa Israel nso yɛɛ bɔne no, wannan amfi emu biara ho.+ 25 Ɔno na ɔsan gyee Israel ahye maa wɔn, efi Hamat+ kosi po a ɛwɔ Araba+ no ano, sɛnea Yehowa, Israel Nyankopɔn asɛm a ɔnam n’akoa Yona,+ Amitai ba, odiyifo a ofi Gat-Hefer+ so kae no te. 26 Na Yehowa huu amanehunu pii a Israel faa mu no.+ Ná mmɔborɔni ne onipahunu anaa ɔboafo bi nni Israel.+ 27 Nanso na Yehowa ahyɛ bɔ sɛ ɔrempopa Israel din mfi ɔsoro ase.+ Enti ɔnam Yehoas ba Yeroboam nsa so gyee+ wɔn.
28 Yeroboam ho nsɛm a aka, nea ɔyɛe nyinaa ne ne nnwuma akɛse, sɛnea odii ako na ɔsan de Damasko+ ne Hamat+ maa Yuda wɔ Israel no, wɔakyerɛw wɔ Israel ahene bere so nsɛm nhoma no mu. 29 Na Yeroboam ne n’agyanom Israel ahene no kɔdae, na ne ba Sakaria+ bedii n’ade.