15 Di afahyɛ no nnanson+ fa hyɛ Yehowa wo Nyankopɔn anuonyam wɔ baabi a Yehowa bɛpaw no, efisɛ Yehowa wo Nyankopɔn behyira+ wo nnɔbae ne wo nsa ano adwuma nyinaa so. Enti nea wobɛyɛ ara ne sɛ wobɛma w’ani agye.+
10 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ nkodi sradeduan na monnom adɔkɔdɔkɔde, na momfa ebi+ nkɔma wɔn a wonsiesiee hwee mmaa wɔn, efisɛ ɛnnɛ da yi yɛ da kronkron ma yɛn Awurade, enti mommma mo werɛ nnhow, na Yehowa mu anigye ne mo abannennen.”