Dwom 115:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 Wɔn a wɔyɛ wɔn no bɛyɛ sɛ wɔn ara,+Wɔn a wɔde wɔn ho to wɔn so no nyinaa.+ Yesaia 2:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 Anyamehunu ahyɛ wɔn asase so mã,+ na wɔkotow onipa nsa ano adwuma, ade a ɔdesani de ne nsateaa ayɛ.+ Yeremia 2:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 So ɔman bi asesa n’anyame+ akɔfa nea ɛnyɛ anyame pɛn?+ Nanso me man asesa m’anuonyam akɔfa nea mfaso biara nni so.+ Yeremia 10:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 Nnipa nyinaa nni ntease ma enti wonni nimdeɛ.+ Ɔtomfo biara ani bewu ne honi a wayɛ ho,+ efisɛ ne dade honi yɛ nnaadaa,+ na honhom nni wɔn mu.+
8 Anyamehunu ahyɛ wɔn asase so mã,+ na wɔkotow onipa nsa ano adwuma, ade a ɔdesani de ne nsateaa ayɛ.+
11 So ɔman bi asesa n’anyame+ akɔfa nea ɛnyɛ anyame pɛn?+ Nanso me man asesa m’anuonyam akɔfa nea mfaso biara nni so.+
14 Nnipa nyinaa nni ntease ma enti wonni nimdeɛ.+ Ɔtomfo biara ani bewu ne honi a wayɛ ho,+ efisɛ ne dade honi yɛ nnaadaa,+ na honhom nni wɔn mu.+