Yesaia
2 Anisoadehu a Amus ba Yesaia nyae wɔ Yuda ne Yerusalem ho ni:+ 2 Na nna a edi akyiri+ no mu no, Yehowa fie bepɔw+ betim hɔ wɔ mmepɔw atifi,+ na wɔbɛma so asen nkoko nyinaa,+ na aman nyinaa bɛsen yuu akɔ hɔ.+ 3 Na aman pii bɛkɔ akɔka sɛ: “Mommra+ mma yɛnkɔ Yehowa bepɔw so, Yakob Nyankopɔn fie, na ɔbɛkyerɛ yɛn n’akwan na yɛanantew n’atempɔn so.”+ Na Sion na mmara befi aba, na Yerusalem na Yehowa asɛm befi.+ 4 Na obebu atɛn wɔ amanaman no mu,+ na obesiesie+ nsɛm ama aman pii.+ Na wɔde wɔn nkrante bɛyɛ nsɔw na wɔde wɔn mpeaw ayɛ kantankrankyi.+ Ɔman bi rentwe nkrante wɔ ɔman bi so, na wɔrensua akodi bio.+
5 Yakob fiefo, mommra mma yɛnnantew Yehowa hann mu.+
6 Woagyaw wo man Yakob fie,+ efisɛ Apuei nneɛma ahyɛ wɔn mã.+ Wodi asumansɛm+ te sɛ Filistifo, na ananafo mma na wɔne wɔn di nsawɔso.+ 7 Dwetɛ ne sika kɔkɔɔ ahyɛ wɔn asase so mã, na wɔn ademude nni ano.+ Apɔnkɔ ahyɛ wɔn asase so mã, na wɔn nteaseɛnam nni ano.+ 8 Anyamehunu ahyɛ wɔn asase so mã,+ na wɔkotow onipa nsa ano adwuma, ade a ɔdesani de ne nsateaa ayɛ.+ 9 Ɔdesani abrɛ ne ho ase, onipa aba fam, na wuntumi mfa mfiri wɔn.+
10 Yehowa ho hu ne ne kɛseyɛ a enni ano nti,+ kɔhyɛ ɔbotan mu na fa wo ho sie anhwea mu. 11 Ɔdesani ani a ɛtra ne ntɔn no bɛbrɛ ase na nnipa ahomaso aba fam.+ Saa da no, Yehowa nkutoo na wɔbɛma no so.+ 12 Ɛyɛ asafo Yehowa da.+ Na ɛbɛba obiara so, nea ɔyɛ ahantan, nea n’ani tra ne ntɔn, nea wɔama no so anaa wɔabrɛ no ase.+ 13 Ɛbɛba Lebanon nkyeneduru+ atenten kokuroo ne Basan nnupɔn+ nyinaa so. 14 Na ɛbɛba mmepɔw atenten ne nkoko a wɔama so nyinaa so.+ 15 Ɛbɛba abantenten ne afasu dennen nyinaa so,+ 16 ne Tarsis ahyɛn+ ne akorow fɛfɛ nyinaa so. 17 Na ɔdesani ahantan bɛba fam na nnipa ahomaso abrɛ ase.+ Saa da no, Yehowa nkutoo na wɔbɛma no so.+
18 Na anyamehunu no befi hɔ koraa.+ 19 Sɛ Yehowa ma ne ho so ma asase wosow a,+ ne ho hu ne ne kɛseyɛ a enni ano nti,+ nnipa bɛkɔ akɔhyehyɛ abodan ne asase mu ntokuru mu. 20 Saa da no, ɔdesani bɛtow ne dwetɛ anyamehunu ne ne sika abosonhuhuw a wɔayɛ ama no sɛ ɔnkotow wɔn no agu ama ofiam ne ampan.+ 21 Na sɛ Yehowa ma ne ho so ma asase wosow a, ne ho hu ne ne kɛseyɛ a enni ano nti,+ wɔbɛkɔ akɔhyɛ abotan mu ntokuru ne abodan mu. 22 Enti montwe mo ho mfi ɔdesani ho, onipa a ɔhome fa ne hwenem.+ Dɛn na ɛbɛma wɔabu ne ho akontaa?+