9 Enti eyi so na wɔnam bɛpata Yakob bɔne,+ na sɛ oyi ne bɔne+ kɔ a, aba a ebefi mu aba nyinaa ni: Ɔbɛma afɔremuka abo abɛyɛ sɛ akado a wɔayam, na abosonnua+ ne aduhuam ade remma wɔn ho so bio.+
23 Afei wɔremfa wɔn abosom fĩ ne wɔn abofonode ne wɔn mmaratode ngu wɔn ho fĩ bio.+ Na megye wɔn afi bɔne a wɔyɛe wɔ wɔn atenae nyinaa no mu na matew wɔn ho.+ Afei wɔbɛyɛ me man na me nso mayɛ wɔn Nyankopɔn.+
2 “Saa da no,” asafo Yehowa asɛm ni, “metwa ahoni din afi asase no so,+ na obiara renkae wɔn bio. Na meyi adiyifo+ ne honhom fĩ nyinaa nso afi asase no so.+