13 Sɛ ɔkra bi wu na obi so funu no mu na wannwira ne ho a, wagu Yehowa ntamadan ho fĩ+ na ɛsɛ sɛ wotwa ɔkra a ɔte saa no fi Israel man mu.+ Esiane sɛ wɔamfa ahodwira nsu+ no bi ampete ne ho nti, ne ho ntew ara. Ɔda so ara wɔ ne fĩ mu.+
22 momma yɛmfa nokware koma mmra a yɛwɔ gyidi mu awerɛhyem a edi mũ, bere a wɔatew* yɛn koma ho afi ahonim+ bɔne mu na wɔde nsu a emu tew+ ahohoro yɛn nipadua ho no.