Yesaia 13:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Mɛma asase no atwa ne bɔne so aba+ na amumɔyɛfo anya wɔn amumɔyɛ so akatua. Mɛma ahantanfo agyae wɔn dwae no na mabrɛ atirimɔdenfo ahomaso ase.+ Yeremia 48:29 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 29 “Yɛate sɛnea Moab ahoman no+—ɔyɛ dwae paa—yɛate n’ahomaso ne n’ahantan ne n’ahokyerɛ ne ne koma a wama so no.”+ Hesekiel 28:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Wode wo nyansa+ dodow ne w’aguade+ anya wo ho tam,+ na w’ahonya dodow ama wo koma ahoman.”’+
11 Mɛma asase no atwa ne bɔne so aba+ na amumɔyɛfo anya wɔn amumɔyɛ so akatua. Mɛma ahantanfo agyae wɔn dwae no na mabrɛ atirimɔdenfo ahomaso ase.+
29 “Yɛate sɛnea Moab ahoman no+—ɔyɛ dwae paa—yɛate n’ahomaso ne n’ahantan ne n’ahokyerɛ ne ne koma a wama so no.”+