Hiob 40:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 Hwehwɛ ɔhantanni biara, brɛ no ase,+Na tiatia nnebɔneyɛfo so baabiara a wɔwɔ. Mmebusɛm 18:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 Nea edi asehwe anim ne sɛ onipa koma bɛma ne ho so,+ na nea edi anuonyam anim ne ahobrɛase.+ Yesaia 25:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Na ɔbɛtrɛw ne nsam wɔ mu te sɛ osuguarefo a ɔtrɛw ne nsam guare, na ɔbɛdannan ne nsa de abrɛ n’ahantan+ ase. Yakobo 4:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Nanso adom a ɔde ma no dɔɔso.+ Enti ɛka sɛ: “Onyankopɔn siw ahantanfo kwan,+ na ɔdom ahobrɛasefo.”+
11 Na ɔbɛtrɛw ne nsam wɔ mu te sɛ osuguarefo a ɔtrɛw ne nsam guare, na ɔbɛdannan ne nsa de abrɛ n’ahantan+ ase.
6 Nanso adom a ɔde ma no dɔɔso.+ Enti ɛka sɛ: “Onyankopɔn siw ahantanfo kwan,+ na ɔdom ahobrɛasefo.”+