6Bere a Israelfo fi Egypt asase so bae+ no afe a ɛto so ahanan aduɔwɔtwe a ɛyɛ Solomon afe a ɛto so anan+ bere a ɔbɛyɛɛ Israel hene no, ofii ase sɛ ɔresi ofie ama Yehowa+ wɔ ɔsram Siw,+ ɔsram a ɛto so abien+ no mu.
7 Ɔdan no ankasa de, bere a wɔresi no, wɔde abo a wɔapae+ ayɛ ho biribiara awie na esii; bere a wɔresi ɔdan no, wɔante asae anaa akuma anaa nnade biara nka wɔ fie hɔ.+