11Bere a Rehoboam beduu Yerusalem+ no, ntɛm ara na ɔboaboaa Yuda ne Benyamin+ fie nnɔmmarima a wɔapaw wɔn, mpem ɔha aduɔwɔtwe,+ ano sɛ wɔne Israel rekɔko na wɔasan adan ahenni no ama Rehoboam.
3 Abia de asraafodɔm, nnɔmmarima mpem ahanan a wɔahyɛ da apaw wɔn+ kɔɔ ɔko no. Na Yeroboam nso de mmarima akokodurufo a wɔn ho yɛ den mpem ahanwɔtwe a wɔahyɛ da apaw wɔn+ kohyiaa no.