1 Ahene 16:28 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 28 Na Omri ne n’agyanom kɔdae, na wosiee no Samaria, na ne ba Ahab+ bedii n’ade. 1 Ahene 16:33 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 33 Na Ahab sii ɔbosom dua;+ enti Ahab yɛɛ bɔne de hyɛɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn abufuw+ sen Israel ahene a wodii n’anim nyinaa. 1 Ahene 21:25 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 25 Obiara biara nni hɔ a ɔyɛɛ n’ade sɛ Ahab+ a ɔtɔn ne ho sɛ ɔbɛyɛ Yehowa ani so bɔne, a ne yere Yesebel+ nso piapiaa+ no no. 2 Ahene 8:18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 18 Na ɔfaa Israel ahene akwan so+ sɛnea Ahab fiefo yɛe no,+ efisɛ Ahab babea na ɔwaree no,+ na ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne.
33 Na Ahab sii ɔbosom dua;+ enti Ahab yɛɛ bɔne de hyɛɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn abufuw+ sen Israel ahene a wodii n’anim nyinaa.
25 Obiara biara nni hɔ a ɔyɛɛ n’ade sɛ Ahab+ a ɔtɔn ne ho sɛ ɔbɛyɛ Yehowa ani so bɔne, a ne yere Yesebel+ nso piapiaa+ no no.
18 Na ɔfaa Israel ahene akwan so+ sɛnea Ahab fiefo yɛe no,+ efisɛ Ahab babea na ɔwaree no,+ na ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne.