Esra 6:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 Na Yuda mpanyimfo+ no sii ofie+ no na enyaa nkɔso wɔ Hagai+ ne Ido+ nena odiyifo Sakaria+ nkɔmhyɛ so, na wosi wiei sɛnea Israel Nyankopɔn ahyɛde+ ne Kores+ ne Dario+ ne Persia hene Artasasta+ ahyɛde te no. Hagai 2:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 “‘Enti afei Serubabel, hyɛ wo ho den;+ Yehosadak ba ɔsɔfo panyin Yosua nso, hyɛ wo ho den,’ Yehowa asɛm ni. “‘Asase no sofo nyinaa nso, monhyɛ mo ho den, na monyɛ adwuma,’+ Yehowa asɛm ni. “‘Meka mo ho,’+ asafo Yehowa asɛm ni. Hagai 2:21 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 21 “Ka kyerɛ Yuda amrado+ Serubabel sɛ, ‘Mɛwosow ɔsoro ne asase.+ Sakaria 4:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 O bepɔw kɛse,+ woyɛ hena? Wobɛdan asase tamaa wɔ Serubabel+ anim. Na ɔde atifi bo no bɛba.+ Na wɔbɛteɛm+ agu so sɛ: “Hwɛ anuonyam! Hwɛ anuonyam!”’”+
14 Na Yuda mpanyimfo+ no sii ofie+ no na enyaa nkɔso wɔ Hagai+ ne Ido+ nena odiyifo Sakaria+ nkɔmhyɛ so, na wosi wiei sɛnea Israel Nyankopɔn ahyɛde+ ne Kores+ ne Dario+ ne Persia hene Artasasta+ ahyɛde te no.
4 “‘Enti afei Serubabel, hyɛ wo ho den;+ Yehosadak ba ɔsɔfo panyin Yosua nso, hyɛ wo ho den,’ Yehowa asɛm ni. “‘Asase no sofo nyinaa nso, monhyɛ mo ho den, na monyɛ adwuma,’+ Yehowa asɛm ni. “‘Meka mo ho,’+ asafo Yehowa asɛm ni.
7 O bepɔw kɛse,+ woyɛ hena? Wobɛdan asase tamaa wɔ Serubabel+ anim. Na ɔde atifi bo no bɛba.+ Na wɔbɛteɛm+ agu so sɛ: “Hwɛ anuonyam! Hwɛ anuonyam!”’”+