9 “Sɛ ɛba sɛ mo ne mo atamfo a wɔretan mo ani no+ rekɔko a, monhyɛn ntorobɛnto no mfrɛ dɔm.+ Moyɛ saa a, Yehowa mo Nyankopɔn bɛkae mo na wagye mo afi mo atamfo nsam.+
12 Na hwɛ! Nokware Nyankopɔn no di yɛn anim,+ ɔne n’asɔfo+ ne ɔsa ntorobɛnto+ a wɔbɛbɔ agu mo so no. Enti Israel mma, mo ne Yehowa, mo agyanom Nyankopɔn no nnko,+ efisɛ ɛrensi mo yiye.”+