Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Leviticus 25:36
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 36 Nnye mfɛntom anaa apempensika mfi ne hɔ,+ na suro wo Nyankopɔn+ na wo nua no ntena wo nkyɛn.

  • Nehemia 5:15
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 15 Amradofo a wodii m’anim no de, wɔde nnesoa a emu yɛ duru soaa ɔman no, na wogyee dwetɛ nnwetɛbona aduanan da biara da de tɔɔ aduan ne nsã. Wɔn asomfo nso hyɛɛ ɔman no so.+ Nanso me de, Onyankopɔn a misuro no+ nti, mamfa saa kwan no so.+

  • Hiob 28:28
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 28 Na ɔka kyerɛɛ onipa sɛ,

      ‘Hwɛ! Yehowa suro​—ɛno ne nyansa,+

      Na bɔne ho fi ne ntease.’”+

  • Mmebusɛm 8:13
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 13 Yehowa suro ne bɔne tan.+ Ahomaso ne ahantan+ ne ɔkwammɔne ne nkontompo ano+ de, mikyi.

  • Ɔsɛnkafo 8:12
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 12 Sɛ ɔbɔnefo yɛ bɔne+ mpɛn ɔha, na ɔtena ase kyɛ sɛnea ɛsɔ n’ani mpo a, minim sɛ ebesi wɔn a wosuro nokware Nyankopɔn no yiye,+ osuro a wɔwɔ+ no nti.

  • Malaki 1:6
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 6 “‘Ɔba di n’agya ni,+ na akoa di ne wura ni.+ Enti sɛ meyɛ agya a,+ me nidi wɔ he?+ Na sɛ meyɛ Owura Kunini a, me suro wɔ he?’+ Nea asafo Yehowa aka akyerɛ mo ni, asɔfo a mubu me din animtiaa.+

      “‘Nanso mubisa sɛ: “Ɔkwan bɛn so na yɛabu wo din animtiaa?’”

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena