32Bere a nkurɔfo no hui sɛ Mose akyɛ wɔ bepɔw no so+ no, wopiaa wɔn ho kɔɔ Aaron nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Sɔre yɛ onyame ma yɛn na onni yɛn anim,+ na Mose yi a odii yɛn anim fii Egypt asase so+ no de, yennim nea ato no.”
12 Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Sɔre fi ha kɔ ntɛm, efisɛ wo nkurɔfo a wukoyii wɔn fii Egypt no reyɛ abusude.+ Wɔaman ntɛm afi ahyɛde a mede ama wɔn no ho. Hwɛ, wɔayɛ dade honi afa.’+