11 “‘Na ɔsram no da a edi kan no, momfa anantwinini nkumaa abien ne odwennini biako ne nguammaa anini ason a wɔadi afe afe a wɔte apɔw mmɔ ɔhyew afɔre mma Yehowa,+
6 Monyɛ eyi nka ɔhyew afɔre+ ne ɛho aduan afɔre+ a wɔbɔ no ɔsram biara, ne ɔhyew afɔre+ a wɔbɔ no daa ne ɛho aduan afɔre+ ne nsã afɔre+ no ho, sɛnea wɔyɛ daa no, na ɛnyɛ ogya afɔre huamhuam mma Yehowa.+
13 wɔbɔe sɛnea ehia sɛ wɔyɛ daa+ no, afɔre a Mose hyɛe sɛ wɔmmɔ no homeda homeda,+ ne ɔsram foforo+ biara, ne afahyɛ+ a wodi no mprɛnsa afe biara+ no ase, kyerɛ sɛ, paanoo a mmɔkaw nnim afahyɛ+ ne adapɛn afahyɛ+ ne asese afahyɛ+ no.