16 Rut ka kyerɛɛ no sɛ: “Nhyɛ me sɛ mensan mfi w’akyi; na baabi a wobɛkɔ no, ɛhɔ na mɛkɔ, baabi a wobɛda no, ɛhɔ na mɛda.+ Wo man bɛyɛ me man,+ na wo Nyankopɔn ayɛ me Nyankopɔn.+
43 wo ara fi ɔsoro, wo tenabea+ hɔ tie na yɛ ɔhɔho no abisade a ɔde to w’anim nyinaa ma no,+ na ama asase so aman nyinaa ahu wo din+ na wɔasuro wo sɛnea wo man Israel suro wo no, na wɔahu sɛ wo din na ɛda ofie a masi yi so.+
17 Ahemman no mu baabiara a wɔtee ɔhene asɛm ne ne mmara no, Yudafo a wɔwɔ hɔ no ani gyei, dii ahurusi, na wɔtow pon+ sɛpɛw wɔn ho. Na aman no mu nnipa+ pii yɛɛ wɔn ho Yudafo,+ efisɛ na Yudafo ho hu+ atɔ wɔn so.