36 Akyiri yi Abigail baa Nabal nkyɛn, na ɔbɛtoe sɛ watow pon wɔ fie te sɛ ɔhene bi pon,+ na Nabal ani agye ne komam, na wabow+ titaa; na wanka asɛm ketewa anaa kɛse bi ankyerɛ ne kunu kosii sɛ ade kyee.
18 Afei ɔhene tow ne mmapɔmma ne ne nkoa pon kɛse bi, Ester apontow; na ɔmaa aman a wɔhyɛ n’ase no mufo nyaa ahofadi,+ na ɔkyekyɛɛ nneɛma pii sɛnea ɔhene betumi biara.