46 Akyiri yi Rebeka ka kyerɛɛ Isak sɛ: “Het mmabea nti asetena afono me.+ Na sɛ Yakob nso kɔware Het mmabea te sɛ eyinom wɔ asase yi so a, ɛnde na mete ase reyɛ dɛn?”+
4 Na ɔde n’ani kyerɛɛ sare so twaa da koro kwan, na ɔkɔtenaa sisia dua bi ase.+ Afei ɔsrɛe sɛ ne kra nwu, na ɔkae sɛ: “Afei de, mabrɛ! O Yehowa, gye me kra fi me nsam,+ na minye mensen m’agyanom.”