Numeri 11:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Sɛ saa na wo ne me bedi a, ɛnde mesrɛ wo, sɛ manya w’anim dom a, kum me prɛko ma ɛnsa+ na m’ani anhu m’ahoyeraw.” 1 Ahene 19:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Na ɔde n’ani kyerɛɛ sare so twaa da koro kwan, na ɔkɔtenaa sisia dua bi ase.+ Afei ɔsrɛe sɛ ne kra nwu, na ɔkae sɛ: “Afei de, mabrɛ! O Yehowa, gye me kra fi me nsam,+ na minye mensen m’agyanom.” Hiob 7:16 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 16 Mapo nkwa;+ merentena ase bio da.Gyaa me, na me nna yɛ huruhuro.+ Yona 4:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Afei Yehowa, gye me kra+ fi me nsam, na eye sɛ mewu sen sɛ mɛtena ase.”+ Romafo 8:20 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 20 Na wɔde abɔde no ahyɛ adehunu ase+ a ɛnyɛ n’ankasa ne pɛ so, na mmom ɛnam nea ɔde hyɛɛ ase no so, anidaso mu,+
15 Sɛ saa na wo ne me bedi a, ɛnde mesrɛ wo, sɛ manya w’anim dom a, kum me prɛko ma ɛnsa+ na m’ani anhu m’ahoyeraw.”
4 Na ɔde n’ani kyerɛɛ sare so twaa da koro kwan, na ɔkɔtenaa sisia dua bi ase.+ Afei ɔsrɛe sɛ ne kra nwu, na ɔkae sɛ: “Afei de, mabrɛ! O Yehowa, gye me kra fi me nsam,+ na minye mensen m’agyanom.”
20 Na wɔde abɔde no ahyɛ adehunu ase+ a ɛnyɛ n’ankasa ne pɛ so, na mmom ɛnam nea ɔde hyɛɛ ase no so, anidaso mu,+