25 Mesrɛ wo, mma me wura mmfa ne koma nnkɔ ɔbarima huhuni+ Nabal yi so, na sɛnea ne din te no saa na ɔte. Ne din de Nabal, na agyimisɛm ne no na ɛte.+ W’afenaa de, manhu me wura mmarima a wosomaa wɔn no.
6 Na ogyimfo de n’ano bɛka agyimisɛm+ na ɔde ne koma asusuw bɔne+ sɛ ɔbɛtew atua*+ na waka nsɛmmɔne atia Yehowa, sɛ ɔbɛma ɔkra a ɔkɔm de no yafunu ada mpan+ na wama nsu abɔ nea osukɔm de no.